< Nnwom 128 >

1 Ɔsoroforo dwom. Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade, na wɔnantew nʼakwan so. 2 Wubedi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de. 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi; na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi atwa wo pon ho ahyia. 4 Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira onipa a osuro Awurade no. 5 Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa. 6 Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. Asomdwoe nka Israel.

< Nnwom 128 >