< Nnwom 123 >

1 Ɔsoroforo dwom. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahengua si ɔsoro. 2 Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ. 3 Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtiaa bebree. 4 Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo, ahantanfo animtiaabu afono yɛn.

< Nnwom 123 >