< Nnwom 120 >

1 Ɔsoroforo dwom. Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ogye me so. 2 Awurade, gye me fi atoro ano, ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. 3 Dɛn na ɔbɛyɛ wo, na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma? 4 Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam ne nnyansramma bɛtwe wʼaso. 5 Nnome nka me sɛ metena Mesek, na mete Kedar ntamadan mu! 6 Matena wɔn a wokyi asomdwoe mu akyɛ dodo. 7 Meyɛ asomdwoe nipa; nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.

< Nnwom 120 >