< Nnwom 116 >

1 Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔsu. 2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti, mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi. 3 Owu ahama bebaree me, ɔda ho yawdi baa me so, ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so. (Sheol h7585) 4 Afei mebɔɔ Awurade din kae se, “Awurade, gye me nkwa!” 5 Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni; ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma. 6 Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban; bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me. 7 Nya abotɔyam bio, me kra, efisɛ Awurade ne wo adi no yiye. 8 Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu; woamma mʼani amporow nisu, na woamma mʼanan anhintiw 9 sɛ mɛnantew Awurade anim wɔ ateasefo asase so. 10 Migye dii; ɛno nti mekae se, “Mewɔ ahohia kɛse mu.” 11 Na mʼahokyere mu mekae se, “Nnipa nyinaa yɛ atorofo.” 12 Dɛn na metumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa? 13 Mɛma nkwagye kuruwa no so na mabɔ Awurade din. 14 Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim. 15 Awurade nkoa nokwafo wu som bo wɔ Awurade ani so. 16 Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo; meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima; woayi me afi me mpokyerɛ mu. 17 Mɛbɔ aseda afɔre ama wo na mabɔ Awurade din. 18 Medi me ntam a maka Awurade no so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim, 19 wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no, wɔ wʼanim, Yerusalem. Monkamfo Awurade.

< Nnwom 116 >