< Mmebusɛm 7 >

1 Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛde wɔ wo mu. 2 Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no. 3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; kyerɛw no yiye gu wo koma pon so. 4 Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani; 5 Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho. 6 Me fi mfɛnsere ano, mede mʼani faa mfɛnsere mu. 7 Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene. 8 Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so a nʼani kyerɛ ɔbea no fi 9 bere a onwini redwo, na anim rebiribiri no. 10 Afei ɔbea bi fi behyiaa no a wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu. 11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena fie koraa; 12 nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.) 13 Osoo ne mu few nʼano, wamfɛre, na ɔkae se, 14 “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; nnɛ madi me bɔhyɛ so. 15 Enti mebae sɛ merebehyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahu wo! 16 Mato me mpa, mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim. 17 Mede nnuhuam apete me mpa so: kurobow, pɛprɛ ne dupapo. 18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa; 19 Me kunu nni fie; watu kwan na ɔbɛkyɛ. 20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.” 21 Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae. 22 Odii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu 23 kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa. 24 Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka. 25 Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so na momman mmfa nʼakwan so. 26 Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara. 27 Ne fi yɛ ɔda tempɔn a ɛkɔ owu pia mu. (Sheol h7585)

< Mmebusɛm 7 >