< Mmebusɛm 4 >

1 Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya ntease. 2 Mema mo adesua a ɛkɔ anim, enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu. 3 Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima, meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho. 4 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa. 5 Nya nyansa, nya ntease; mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho. 6 Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so. 7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease. 8 Di no ni na ɛbɛma wo so; yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam. 9 Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.” 10 Me ba, tie na fa nea meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree. 11 Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so na mede wo afa akwan a ɛteɛ so. 12 Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw. 13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu, bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa. 14 Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so na nnantew abɔnefo kwan so. 15 Kwati no, ntu kwan mfa so; dan fi so na kɔ wo kwan. 16 Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna; na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase. 17 Wodi amumɔyɛsɛm brodo, na wɔnom kitikitiyɛ nsa. 18 Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan, ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee. 19 Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii; wonnim nea ɛma wohintiw. 20 Me ba, yɛ aso ma nea meka; tie me nsɛm no yiye. 21 Mma emfi wʼani so, fa sie wo koma mu; 22 efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu ne akwahosan ma nipadua no nyinaa. 23 Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban, efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti. 24 Mma oburu kasa mfi wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa. 25 Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so. 26 Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan na fa akwan a atim so. 27 Mman mfa nifa anaa benkum; twe wo nan fi bɔne ho.

< Mmebusɛm 4 >