< Mmebusɛm 28 >

1 Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no, nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata.
The wicked flee when no man pursueth: but the righteous are bold as a lion.
2 Atuatewman nya sodifo pii, nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma.
For the transgression of a land many [are] its princes: but by a man of understanding [and] knowledge the state [thereof] shall be prolonged.
3 Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no te sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi.
A poor man that oppresseth the poor [is like] a sweeping rain which leaveth no food.
4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo, na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.
They that forsake the law praise the wicked: but such as keep the law contend with them.
5 Abɔnefo nte atɛntrenee ase, nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.
Evil men understand not judgment: but they that seek the LORD understand all [things].
6 Ohiani a ne nantew ho nni asɛm ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye.
Better [is] the poor that walketh in his uprightness, than [he that is] perverse [in his] ways, though he [is] rich.
7 Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu, nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase.
He who keepeth the law [is] a wise son: but he that is a companion of riotous [men] shameth his father.
8 Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no, ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.
He that by usury and unjust gain increaseth his substance, he shall gather it for him that will pity the poor.
9 Sɛ obi nni mmara so a, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade.
He that turneth away his ear from hearing the law, even his prayer [shall be] abomination.
10 Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no bɛhwe ɔno ankasa afiri mu, nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.
Whoever causeth the righteous to go astray in an evil way, he shall fall himself into his own pit: but the upright shall have good [things] in possession.
11 Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.
The rich man [is] wise in his own conceit; but the poor man that hath understanding searcheth him out.
12 Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii; nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.
When righteous [men] rejoice, [there is] great glory: but when the wicked rise, a man is hidden.
13 Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso, na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.
He that covereth his sins shall not prosper: but he who confesseth and forsaketh [them] shall have mercy.
14 Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa, nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu.
Happy [is] the man that feareth always: but he that hardeneth his heart shall fall into mischief.
15 Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no te sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.
[As] a roaring lion, and a ranging bear; [so is] a wicked ruler over the poor people.
16 Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene, na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.
The prince that wanteth understanding [is] also a great oppressor: [but] he that hateth covetousness shall prolong [his] days.
17 Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ no bɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da; wɔmma obiara nsiw no kwan.
A man that doeth violence to the blood of [any] person shall flee to the pit; let no man stay him.
18 Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu, nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
He who walketh uprightly shall be saved: but [he that is] perverse [in his] ways shall fall at once.
19 Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii, nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.
He that tilleth his land shall have plenty of bread: but he that followeth after vain [persons] shall have poverty enough.
20 Wobehyira onipa nokwafo pii, na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni.
A faithful man shall abound with blessings: but he that maketh haste to be rich shall not be innocent.
21 Nhwɛanim nye, nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.
To have respect of persons [is] not good: for, for a piece of bread [that] man will transgress.
22 Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo na onnim sɛ ohia retwɛn no.
He that hasteth to be rich [hath] an evil eye, and considereth not that poverty shall come upon him.
23 Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri no asen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.
He that rebuketh a man afterward shall find more favor than he that flattereth with the tongue.
24 Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,” ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.
He that robbeth his father or his mother, and saith, [It is] no transgression; the same [is] the companion of a destroyer.
25 Odifudepɛfo de mpaapaemu ba na nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.
He that is of a proud heart stirreth up strife: but he that putteth his trust in the LORD shall be made fat.
26 Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.
He that trusteth in his own heart is a fool: but whoever walketh wisely, he shall be delivered.
27 Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no, nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.
He that giveth to the poor shall not want: but he that hideth his eyes shall have many a curse.
28 Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw; na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ.
When the wicked rise, men hide themselves: but when they perish, the righteous increase.

< Mmebusɛm 28 >