< Filipifo 4 >

1 Enti anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu.
Therefore, my brothers, whom I love and long for, my joy and crown, so stand firm in the Lord, my beloved.
2 Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu.
I appeal to Euodia and I appeal to Syntyche to agree in the Lord.
3 Na wo nso a woka me ho a migye wo di no mepɛ sɛ woboa saa mmea yi, efisɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne mʼahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho.
Yes, I ask you also, true companion, help these women, for they labored with me in the gospel, with Clement also, and the rest of my fellow workers, whose names are in the Book of Life.
4 Meka ti mu se, daa munnya ahosɛpɛw wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛw mo.
Rejoice in the Lord always. Again I will say, Rejoice.
5 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ Awurade bɛba.
Let your gentleness be evident to all people. The Lord is near.
6 Mommma biribiara nhaw mo. Daa mo nkotosrɛ ne aseda mpaebɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn anim.
Do not be anxious about anything, but in everything, by prayer and petition with thanksgiving, let your requests be made known to God.
7 Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu.
And the peace of God, which surpasses all understanding, will guard your hearts and your minds in Messiah Jesus.
8 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.
Finally, brothers, whatever things are true, whatever things are honorable, whatever things are just, whatever things are pure, whatever things are lovely, whatever things are of good report; if there is any virtue, and if there is any praise, think on these things.
9 Nea moasua, na moanya afi me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛe mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoe no bɛka mo ho.
And the things you learned and received and heard and saw in me, do these things. And the God of peace will be with you.
10 Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei de moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokware sɛ modɔ me de, nanso na munnya ho kwan nkyerɛ saa.
Now I rejoice in the Lord greatly that at last you have revived your concern for me; in which you were indeed concerned, but you lacked opportunity.
11 Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me.
I'm not saying this because I am in need, for I have learned to be content in any circumstance.
12 Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara.
I know what it is to be in need, and I know what it is to have a lot. In any and all circumstances I have learned the secret, whether full or hungry, whether having a lot or being in need.
13 Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano.
I can do all things through him who strengthens me.
14 Eye sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu.
Still, you have done well to share my hardship.
15 Mo Filipifo no ankasa nim pefee sɛ bere a mifii Makedonia a na merefi Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyade.
And you Philippians yourselves know that in the beginning of the gospel, when I departed from Macedonia, no church shared with me in the matter of giving and receiving but you only.
16 Mewɔ Tesalonika no, bere biara a biribi ho behia me no, mode brɛ me.
For even in Thessalonica you sent me aid twice.
17 Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ minya akyɛde na mmom, nhyira a mubenya wɔ mu na na mepɛ sɛ mihu.
Not that I seek the gift, but I seek the fruit that increases to your account.
18 Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔre huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na nʼani sɔ no.
But I have received everything in full, and I have an abundance. I am fully supplied, having received from Epaphroditus the things that came from you, a sweet-smelling fragrance, an acceptable and well-pleasing sacrifice to God.
19 Me Nyankopɔn fi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo nea ehia mo nyinaa.
And my God will supply all your needs according to his glorious riches in Messiah Jesus.
20 Anuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen. (aiōn g165)
Now to our God and Father be the glory forever and ever. Amen. (aiōn g165)
21 Mikyia ahotefo no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyia mo.
Greet every saint in Messiah Jesus. The brothers who are with me greet you.
22 Ahotefo no nyinaa kyia mo; ne titiriw no, Ɔhempɔn Kaesare fifo.
All the saints greet you, especially those who are of Caesar's household.
23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.
The grace of the Lord Jesus (the) Messiah be with your spirit.

< Filipifo 4 >