< 4 Mose 35 >

1 Bere a Israelfo bɔɔ atenase wɔ Yordan ho, Moab tataw so wɔ Yeriko akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spoke unto Moses in the plains of Moab by Jordan near Jericho, saying,
2 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa wɔn agyapade no mu bi a ɛyɛ nkurow ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifo no.
Command the children of Israel, that they give unto the Levites of the inheritance of their possession cities to dwell in; and all of you shall give also unto the Levites suburbs for the cities round about them.
3 Nkurow no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwi, wɔn nguan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi wɔ adidibea hɔ.
And the cities shall they have to dwell in; and the suburbs of them shall be for their cattle, and for their goods, and for all their beasts.
4 “Wɔn mmoa adidibea no kɛse befi kurow no afasu ho a ne fa biara trɛw yɛ anammɔn apem ne ahannum.
And the suburbs of the cities, which all of you shall give unto the Levites, shall reach from the wall of the city and outward a thousand cubits round about.
5 Munsusuw anammɔn mpensa mfi kurow no afasu no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Eyi bɛyɛ mmoa adidibea kɛse ama nkurow no.
And all of you shall measure from without the city on the east side two thousand cubits, and on the south side two thousand cubits, and on the west side two thousand cubits, and on the north side two thousand cubits; and the city shall be in the midst: this shall be to them the suburbs of the cities.
6 “Nkurow a mode bɛma Lewifo no no mu asia bɛyɛ guankɔbea nkuropɔn, baabi a obi a wafom akum ɔfoforo no, betumi aguan akɔ. Momfa nkurow aduanan abien nka ho mma wɔn.
And among the cities which all of you shall give unto the Levites there shall be six cities for refuge, which all of you shall appoint for the murderer, that he may flee thither: and to them all of you shall add forty and two cities.
7 Ne nyinaa bɛyɛ nkurow aduanan awotwe ne ho mmoa adidibea.
So all the cities which all of you shall give to the Levites shall be forty and eight cities: them shall all of you give with their suburbs.
8 Saa nkurow yi befi Israelfo no agyapade mu. Mmusuakuw no mu akɛse bɛma Lewifo no nkurow bebree na mmusuakuw nketewa no ama kakraa bi. Abusuakuw biara bɛma sɛnea nʼagyapade kɛse te.”
And the cities which all of you shall give shall be of the possession of the children of Israel: from them that have many all of you shall give many; but from them that have few all of you shall give few: every one shall give of his cities unto the Levites according to his inheritance which he inherits.
9 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spoke unto Moses, saying,
10 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mutwa Yordan du Kanaan a,
Speak unto the children of Israel, and say unto them, When all of you be come over Jordan into the land of Canaan;
11 mompaw nkurow bi mfa nyɛ guankɔbea nkurow a, obiara a ɔbɛfom akum onipa no betumi aguan akɔ hɔ.
Then all of you shall appoint you cities to be cities of refuge for you; that the slayer may flee thither, which kills any person at unexpectedly.
12 Saa nkurow yi bɛyɛ guankɔbea a ebegye no afi owufo no abusuafo a wɔpɛ sɛ wɔtɔ owufo no wu so were no nsa mu; na ɛnsɛ sɛ wokum owudifo no gye sɛ wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ ansa.
And they shall be unto you cities for refuge from the avenger; that the murderer die not, until he stand before the congregation in judgment.
13 Ɛsɛ sɛ wosisi guankɔbea nkurow yi mu abiɛsa wɔ Kanaan asase so
And of these cities which all of you shall give six cities shall all of you have for refuge.
14 na wosisi abiɛsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam.
All of you shall give three cities on this side Jordan, and three cities shall all of you give in the land of Canaan, which shall be cities of refuge.
15 Ɛnyɛ Israelfo nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn guankɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ guankɔbea ama ahɔho ne akwantufo nyinaa.
These six cities shall be a refuge, both for the children of Israel, and for the stranger, and for the sojourner among them: that every one that kills any person unexpectedly may flee thither.
16 “‘Nanso sɛ obi de dade pema sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu enti ɛsɛ sɛ wokum owudifo no.
And if he strike him with an instrument of iron, so that he die, he is a murderer: the murderer shall surely be put to death.
17 Anaasɛ, sɛ wɔde ɔbo kɛse bi bɔ obi ma owu a, ɛyɛ awudi enti ɛsɛ sɛ wokum owudifo no.
And if he strike him with throwing a stone, wherewith he may die, and he die, he is a murderer: the murderer shall surely be put to death.
18 Saa ara nso na sɛ wɔde dua na ekum no a ɛte ara ne no.
Or if he strike him with an hand weapon of wood, wherewith he may die, and he die, he is a murderer: the murderer shall surely be put to death.
19 Sɛ ɔweretɔni no hyia owudifo no wɔ baabiara a, ɔwɔ ho kwan sɛ okum no bi.
The revenger of blood himself shall slay the murderer: when he meet him, he shall slay him.
20 Enti sɛ obi nam ɔtan so tow biribi bɔ obi, anaa, sɛ ɔtetɛw no,
But if he thrust him of hatred, or hurl at him by laying of wait, that he die;
21 anaa ɔde abufuw bɔ no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifo nti ɛsɛ sɛ wokum no.
Or in enmity strike him with his hand, that he die: he that stroke him shall surely be put to death; for he is a murderer: the revenger of blood shall slay the murderer, when he meet him.
22 “‘Na sɛ emfi ɔtan so na obi sum ɔfoforo, anaa wanhyɛ da na ɔtow biribi ma ɛkɔbɔ obi,
But if he thrust him suddenly without enmity, or have cast upon him any thing without laying of wait,
23 anaasɛ wanhu no na ogyaa ɔbo bi a ɛso a ebetumi akum no mu ma ekokum no a, esiane sɛ saa onipa no nyɛ ɔtamfo na onkura adwene bɔne bi nti,
Or with any stone, wherewith a man may die, seeing him not, and cast it upon him, that he die, and was not his enemy, neither sought his harm:
24 ɛyɛ bagua no asɛde sɛ wodi asɛm na wɔfa saa mmarakwan yi so bu ɔweretɔni no nea ne nsa apa no ntam atɛn.
Then the congregation shall judge between the slayer and the revenger of blood according to these judgments:
25 Ɛsɛ sɛ bagua no bɔ nea ne nsa apa no ho ban fi ɔweretɔni no nsam na wɔde nea ne nsa apa no san kɔ guankɔbea kuropɔn a oguan kɔɔ mu no mu. Ɛsɛ sɛ nea ne nsa apa no tena hɔ ara kosi sɛ ɔsɔfopanyin a wɔsraa no ngo bewu.
And the congregation shall deliver the slayer out of the hand of the revenger of blood, and the congregation shall restore him to the city of his refuge, where he was fled: and he shall abide in it unto the death of the high priest, which was anointed with the holy oil.
26 “‘Nanso sɛ nea ne nsa apa no no fi guankɔbea kuropɔn a waguan akɔ mu no no ahye so
But if the slayer shall at any time come without the border of the city of his refuge, where he was fled;
27 na ɔweretɔni no hu no wɔ hɔ a obetumi akum no a ɔrenni awudi ho fɔ.
And the revenger of blood find him without the borders of the city of his refuge, and the revenger of blood kill the slayer; he shall not be guilty of blood:
28 Ɛsɛ sɛ nea ne nsa apa no tena guankɔbea kuropɔn no mu ara kosi sɛ ɔsɔfopanyin bewu. Ɔsɔfopanyin wu akyi nkutoo na obetumi asan akɔ nʼankasa agyapade ho.
Because he should have remained in the city of his refuge until the death of the high priest: but after the death of the high priest the slayer shall return into the land of his possession.
29 “‘Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mmara a mudi so wɔ awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa mu wɔ baabiara a mobɛtena.
So these things shall be for a statute of judgment unto you throughout your generations in all your dwellings.
30 “‘Ɛsɛ sɛ wokum obiara a obekum obi, nanso gye sɛ nnansefo a wɔboro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ sɛ wokum no. Sɛ onipa baako pɛ na odi adanse tia no de a, ɛno de, ɛnsɛ sɛ wokum no.
Whoso kills any person, the murderer shall be put to death by the mouth of witnesses: but one witness shall not testify against any person to cause him to die.
31 “‘Munnnye owudifo a ɛsɛ sɛ owu no ti mpata, nnyina so nnyaa no. Ɛsɛ sɛ wokum no.
Moreover all of you shall take no satisfaction for the life of a murderer, which is guilty of death: but he shall be surely put to death.
32 “‘Munnnye obi a waguan akɔ guankɔbea kuropɔn mu no ti mpata nnyina so mma no nsan mmɛtena nʼasase so bere a ɔsɔfopanyin bi nwui.
And all of you shall take no satisfaction for him that is fled to the city of his refuge, that he should come again to dwell in the land, until the death of the priest.
33 “‘Munngu asase a mote so no ho fi. Awudi gu asase ho fi, na wɔrentumi nyɛ mpata foforo biara mma asase a wɔahwie mogya agu so gye sɛ wɔde nea ohwiee mogya gui no mogya yɛ okum owudifo no.
So all of you shall not pollute the land wherein all of you are: for blood it defiles the land: and the land cannot be cleansed of the blood that is shed therein, but by the blood of him that shed it.
34 Munngu asase a mote so ne faako a mete no ho fi, efisɛ Me, Awurade no, mete Israelfo no mu.’”
Defile not therefore the land which all of you shall inhabit, wherein I dwell: for I the LORD dwell among the children of Israel.

< 4 Mose 35 >