< 4 Mose 17 >

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Jehovah spoke to Moses, saying,
2 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnyɛ pema dumien, abusua biara panyin ntwa baako. Kyerɛw obiara din wɔ ne de ho.
"Speak to the children of Israel, and take of them rods, one for each fathers' house, of all their princes according to their fathers' houses, twelve rods: write every man's name on his rod.
3 Aaron din na wɔbɛkyerɛw agu Lewi abusuakuw pema no ho, efisɛ ɛsɛ sɛ abusuapanyin biara nya pema baako.
You shall write Aaron's name on the rod of Levi; for there shall be one rod for each head of their fathers' houses.
4 Momfa pema yi ngu Ahyiae Ntamadan no mu ahyiae mu wɔ baabi a mihyia mo wɔ adaka no anim hɔ no.
You shall lay them up in the Tent of Meeting before the testimony, where I meet with you.
5 Menam pema yi so bɛkyerɛ onipa a meyi no no na ne pema no ho bɛfefɛw, na meyi Israelfo anwiinwii a wɔtaa nwiinwii tia wo no nyinaa afi hɔ.”
It shall happen, that the rod of the man whom I shall choose shall bud: and I will make to cease from me the murmurings of the children of Israel, which they murmur against you."
6 Enti Mose maa Israelfo no maa no pema dumien a wɔn abusua no biara panyin de wɔ mu a na Aaron ka de ka ho bi.
Moses spoke to the children of Israel; and all their leaders gave him rods, one for each leader, according to their ancestral houses, even twelve rods: and the rod of Aaron was among their rods.
7 Mose de guu Awurade anim wɔ Adanse Ntamadan no mu hɔ.
Moses laid up the rods before Jehovah in the tent of the testimony.
8 Ade kyee a ɔkɔɔ mu no, ohuu sɛ Aaron pema a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuw no afefɛw ayɛ frɔmm, asow aba a ɛsensɛn so.
It happened on the next day, that Moses went into the tent of the testimony; and look, the rod of Aaron for the house of Levi was budded, and put forth buds, and produced blossoms, and bore ripe almonds.
9 Na Mose de pema no fii Awurade anim ba bɛkyerɛɛ Israelfo no. Wɔhwɛe, na ɔpanyin biara faa ne pema.
Moses brought out all the rods from before Jehovah to all the children of Israel: and they looked, and took every man his rod.
10 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Aaron pema no san kɔto adaka no anim na fa yɛ nsɛnkyerɛnne ma atuatewfo no. Eyi de anwiinwii a wonwiinwii tia me no bɛba awiei na wɔanwuwu.” Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a etia Aaron tumi a, ebesiw amanehunu foforo a anka ɛbɛba nnipa no so no ano.
Jehovah said to Moses, "Put back the rod of Aaron before the testimony, to be kept for a token against the rebels; that you may make an end of their murmurings against me, that they not die."
11 Mose yɛɛ nea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Moses did so. As Jehovah commanded him, so he did.
12 Israelfo no ka kyerɛɛ Mose se, “Yebewuwu! Yɛayera, yɛayera!
The children of Israel spoke to Moses, saying, "Look, we perish. We are undone. We are all undone.
13 Mpo, obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiae Ntamadan no bewu. Yɛn nyinaa rebewuwu ana?”
Everyone who comes near, who comes near to the tabernacle of Jehovah, dies. Will we all perish?"

< 4 Mose 17 >