< 4 Mose 14 >

1 Saa anadwo no, nnipa no nyinaa fii ase suu denneennen. 2 Wɔde nne koro nwiinwii tiaa Mose ne Aaron. Wɔkae se, “Sɛ yewuwuu wɔ Misraim anaa sare so ha a, anka eye. 3 Adɛn nti na Awurade de yɛn reba ha sɛ yɛmmɛtotɔ wɔ mfoa ano? Wɔbɛfow yɛn yerenom ne yɛn mma. So ennye mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ Misraim ana?” 4 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛpaw ɔkannifo na yɛsan kɔ Misraim.” 5 Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. 6 Akwansrafo no mu baanu, a wɔne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuan wɔn ntade mu 7 na wɔka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Asase a yɛfaa mu no yɛ asase pa yiye. 8 Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bedu asase no so dwoodwoo, asase bere a nufusu ne ɛwo sen wɔ so, na ɔde bɛma yɛn. 9 Monnyɛ dɔm ntia Awurade. Na munnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso, efisɛ yɛbɛmemene wɔn. Wonni bammɔ, nanso Awurade ka yɛn ho. Munnsuro wɔn.” 10 Nanso mmuae a nnipa no mae ara ne sɛ, wobesiw wɔn abo. Afei, Awurade anuonyam baa Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Israelfo no nyinaa. 11 Awurade bisaa Mose se, “Nnipa yi bebu me animtiaa akosi da bɛn? Anwonwade dodow a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wonnye me nni ara? 12 Mɛma ɔyaredɔm abeduru wɔn na asɛe wɔn, nanso mɛyɛ mo ɔman kɛse a ɛwɔ ahoɔden sen wɔn.” 13 Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Na Misraimfo no bɛte! Wonam wo tumi so yii saa nnipa yi fii wɔn mu. 14 Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wonim sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wohu omununkum dum ne ogya sɛ egyina yɛn atifi, na wonim sɛ wudi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. 15 Na sɛ wukum wo nkurɔfo yi nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka se, 16 ‘Awurade kum wɔn wɔ sare no so, efisɛ wantumi amfa wɔn ankodu asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’ 17 “Afei Awurade nna nʼahoɔden adi, sɛnea wahyɛ no: 18 ‘Awurade yɛ nyaa wɔ nʼabufuw mu, na ne dɔ ne bɔne ne atuatew so bɔnefakyɛ no boro so. Nanso onnyaw ɔfɔdifo a ɔntwe nʼaso; ɔtwe mma aso wɔ agyanom bɔne ho kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne nan mu.’ 19 Wo dɔ kɛse no nti, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn sɛnea wode akyɛ wɔn afi Misraim abesi saa bere yi.” 20 Awurade kaa se, “Mede akyɛ wɔn sɛnea woabisa no. 21 Nanso sɛ mete ase yi, na Awurade anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi, 22 saa nnipa yi a wohuu mʼanuonyam ne anwonwade a meyɛɛ wɔ Misraim ne sare so no nanso wɔyɛɛ asoɔden de sɔɔ me hwɛɛ mpɛn du no, 23 wɔn mu biara renhu asase a mekaa ntam de hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wobuu me animtiaa no mu biara renhu. 24 Nanso sɛnea ɛsono mʼakoa Kaleb honhom na ofi ne koma nyinaa mu di mʼakyi no nti mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so no so, na nʼasefo benya ɛhɔ mu kyɛfa. 25 Esiane sɛ Amalekfo na Kanaanfo tete abon mu no nti, ɔkyena, momfa mo ani nkyerɛ Po Kɔkɔɔ no nkɔ sare no so.” 26 Awurade bisaa Mose ne Aaron se, 27 “Enkosi da bɛn na saa nnipa bɔnefo yi benwiinwii atia me? Na mate saa Israelfo yi anwiinwiisɛm yi nyinaa. 28 Enti ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade na ose, sɛ mete ase yi, mɛyɛ nea metee sɛ moreka no ama mo. 29 Mo nyinaa mubewuwu wɔ sare no so: Efi wɔn a wɔadi mfe aduonu rekɔ no a wɔkan wɔn bi na wɔka ho nwiinwii tiaa me no. 30 Mo mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua. 31 Moka se mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa nea muse mompɛ no. 32 Na mo de, mo amu na ɛbɛka sare so ha. 33 Wɔbɛhwɛ mo mma so wɔ ha mfe aduanan, na wɔahu amane wɔ mo gyidi a munni no nti; akosi sɛ onipa a otwa to no bewu atɔ sare so ha. 34 Esiane sɛ akwansrafo no tenaa asase no so adaduanan no nti, ɛsɛ sɛ mo nso mukyinkyin sare no so mfe aduanan a afe biara gyina hɔ ma da koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua, na moahu sɛnea ɛte sɛ mɛsɔre atia mo.’ 35 Me, Awurade, na makasa, na nea ɛte biara no mɛyɛ eyinom atia saa nnipa bɔnefo yi a wayɛ dɔm atia me no. Wobehu wɔn awiei wɔ sare yi so; ɛha na wobewuwu.” 36 Enti mmarima a Mose somaa wɔ ma wɔkɔsraa asase no so no, wɔn a wɔsan ba bɛbɔɔ amanneɛ bɔne a ɛnam so maa nnipa no nyinaa nwiinwii tiaa me no, 37 wɔde ɔyare bɔne kunkum saa mmarima a wɔde amanneɛ bɔne tenee wɔ Awurade anim no. 38 Akwansrafo no nyinaa, Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb nko ara na wɔtenaa ase. 39 Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ howee yiye. 40 Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkae se, “Yɛahu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.” 41 Nanso Mose kae se, “Adɛn na morebu Awurade ahyɛde so? Eyi renyɛ ye! 42 Monsan, mo atamfo no bedi mo so nkonim, efisɛ Awurade nka mo ho. 43 Amalekfo ne Kanaanfo no behyia mo wɔ hɔ wɔ hɔ? Esiane sɛ moapa Awurade nti, ɔrenka mo ho na mobɛtotɔ wɔ afoa no.” 44 Nanso wofii wɔn nsusuwii mu foro kɔɔ bepɔw no so a amfa wɔn ho sɛ Awurade Apam adaka no ne Mose mu biara antu amfi atenae hɔ bi. 45 Na Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian ba bɛtow hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kosii Horma.

< 4 Mose 14 >