< Mika 3 >

1 Afei mekae se, “Muntie, mo Yakob akannifo, mo a mudi Israelfi so. Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee, 2 Mo a mukyi nea eye na modɔ bɔne moworɔw me nkurɔfo were na motetew nam no fi wɔn nnompe ho; 3 mowe me nkurɔfo nam, mowae wɔn were, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; mutwitwa wɔn sɛ nam a mode regu kutu mu.” 4 Afei wobesu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa bere no ɔde nʼanim besie wɔn, bɔne a wɔayɛ nti. 5 Nea Awurade se ni: “Adiyifo a wɔdaadaa me nkurɔfo no de, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoe nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifo no siesie wɔn ho sɛ wobetu wɔn so sa. 6 Enti ade bɛsa mo a morennya adaeso, sum beduru mo a morennya ahintasɛm biara. Owia bɛtɔ ama adiyifo no, na adekyee bɛdan sum ama wɔn. 7 Adehufo ani bewu na wobegu asamanfrɛfo anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, efisɛ mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ mma.” 8 Nanso me de, tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma trenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumɔyɛ ne Israel bɔne. 9 Muntie, mo Yakobfi akannifo, mo a mudi Israel so, a mukyi atɛntrenee na mokyea nea ɛteɛ nyinaa; 10 Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem. 11 Nʼakannifo no gye adanmude ansa na wobu atɛn, nʼasɔfo gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifo de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka se, “Awurade nni yɛn ntam ana? Ɔhaw biara remma yɛn so.” 12 Na mo nti, wobefuntum Sion te sɛ afuw, Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw, na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ.

< Mika 3 >