< Mateo 18 >

1 Saa bere no mu na Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse Ɔsoro Ahenni no mu.
В той час приступиша ученицы ко Иисусу, глаголюще: кто убо болий есть в Царствии Небеснем?
2 Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfimfini.
И призвав Иисус отроча, постави е посреде их
3 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Merema mo ate ase sɛ, gye sɛ motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mubetumi akɔ Ɔsoro Ahenni no mu.”
и рече: аминь глаголю вам, аще не обратитеся и будете яко дети, не внидете в Царство Небесное:
4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu.
иже убо смирится яко отроча сие, той есть болий во Царствии Небеснем:
5 Na mo mu biara a, me nti obegye abofra ketewa biara te sɛ oyi no, wagye me nso aba ne nkyɛn.
и иже аще приимет отроча таково во имя Мое, Мене приемлет:
6 “Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene po mu.
а иже аще соблазнит единаго малых сих верующих в Мя, уне есть ему, да обесится жернов оселский на выи его, и потонет в пучине морстей.
7 Wiase nnue wɔ ne hintiduato ho! Hintiduato wɔ hɔ de, nanso nea ɛnam ne so bɛba no nnue.
Горе миру от соблазн: нужда бо есть приити соблазном: обаче горе человеку тому, имже соблазн приходит.
8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wɔde wo nipamu bɛto ogyatannaa mu. (aiōnios g166)
Аще ли рука твоя или нога твоя соблажняет тя, отсецы ю и верзи от себе: добрейше ти есть внити в живот хрому или бедну, неже две руце и две нозе имущу ввержену быти во огнь вечный: (aiōnios g166)
9 Na sɛ wʼani to wo hintidua a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu. (Geenna g1067)
и аще око твое соблажняет тя, изми е и верзи от себе: добрейше ти есть со единем оком в живот внити, неже две оце имущу ввержену быти в геенну огненную. (Geenna g1067)
10 “Monhwɛ yiye na moammu saa mmofra nketewa yi mu baako koraa animtiaa. Mereka akyerɛ mo se, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfo wɔ mʼagya nkyɛn daa.
Блюдите, да не презрите единаго (от) малых сих: глаголю бо вам, яко Ангели их на небесех выну видят лице Отца Моего Небеснаго.
11 Na me, Agyenkwa no, mebae sɛ merebegye wɔn a wɔayera no nkwa.
Прииде бо Сын Человеческий (взыскати и) спасти погибшаго.
12 “Sɛ onipa bi wɔ nguan ɔha, na wɔn mu baako kokyin na ɔyera a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin mmepɔw so ne abon mu nhwehwɛ nea wayera no?
Что вам мнится? Аще будет некоему человеку сто овец, и заблудит едина от них: не оставит ли девятьдесят и девять в горах и шед ищет заблуждшия?
13 Na sɛ ɛba sɛ ohu saa oguan no a, nʼani gye ne ho sen aduɔkron akron a wɔwɔ fie no.
И аще будет обрести ю, аминь глаголю вам, яко радуется о ней паче, неже о девятидесятих и девяти не заблуждших.
14 Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.
Тако несть воля пред Отцем вашим Небесным, да погибнет един от малых сих.
15 “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka nea ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ otie nea woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua.
Аще же согрешит к тебе брат твой, иди и обличи его между тобою и тем единем: аще тебе послушает, приобрел еси брата твоего:
16 Na sɛ wantie nso a, san fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na nnipa baanu anaa baasa no adi nea ebesi wɔ hɔ no nyinaa ho adanse.
аще ли тебе не послушает, поими с собою еще единаго или два, да при устех двою или триех свидетелей станет всяк глагол:
17 Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wudi bem wɔ asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu.
аще же не послушает их, повеждь церкви: аще же и церковь преслушает, буди тебе якоже язычник и мытарь.
18 “Mereka akyerɛ mo se, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasan wɔ asase so no, wɔasan wɔ ɔsoro.
Аминь (бо) глаголю вам: елика аще свяжете на земли, будут связана на небеси: и елика аще разрешите на земли, будут разрешена на небесех.
19 “Meresan aka akyerɛ mo bio se, sɛ mo mu baanu biara a ɔte asase yi so hwehwɛ biribi na ɔde nokware bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama no.
Паки аминь глаголю вам, яко аще два от вас совещаета на земли о всяцей вещи, еяже аще просита, будет има от Отца Моего, Иже на небесех:
20 Na nea baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”
идеже бо еста два или трие собрани во имя Мое, ту есмь посреде их.
21 Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn ason ana?”
Тогда приступль к Нему Петр рече: Господи, колькраты аще согрешит в мя брат мой, и отпущу ли ему до седмь крат?
22 Yesu buaa no se, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason!
Глагола ему Иисус: не глаголю тебе: до седмь крат, но до седмьдесят крат седмерицею.
23 “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafo bu nkontaa.
Сего ради уподобися Царствие Небесное человеку царю, иже восхоте стязатися о словеси с рабы своими.
24 Nkontaabu no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem du brɛɛ no.
Наченшу же ему стязатися, приведоша ему единаго должника тмою талант:
25 Esiane sɛ na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmetua ka no.
не имущу же ему воздати, повеле и господь его продати, и жену его, и чада, и вся, елика имеяше, и отдати.
26 “Ɔpaani yi de nʼanim butuw fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hu me mmɔbɔ, na tɔ wo bo ase ma me, na mɛba abetua ka a mede wo no nyinaa.’
Пад убо раб той, кланяшеся ему, глаголя: господи, потерпи на мне, и вся ти воздам.
27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkae no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ogyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.
Милосердовав же господь раба того, прости его и долг отпусти ему.
28 “Saa ɔpaani yi fii hɔ no, okohuu ne yɔnko paani bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Otim no amene sɛ ontua no ka a ɔde no no wɔ hɔ ara.
Изшед же раб той, обрете единаго (от) клеврет своих, иже бе должен ему стом пенязь: и емь его давляше, глаголя: отдаждь ми, имже (ми) еси должен.
29 “Na ne yɔnko paani no kotow paa no kyɛw sɛ ɔntɔ ne bo ase mma no, na obetua ka no.
Пад убо клеврет его на нозе его, моляше его, глаголя: потерпи на мне, и вся воздам ти.
30 “Nanso ɔno de, wampene. Ɔma wɔde no kɔtoo afiase se gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.
Он же не хотяше, но вед всади его в темницу, дондеже воздаст должное.
31 Ɔkafo yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.
Видевше же клеврети его бывшая, сжалиша си зело и пришедше сказаша господину своему вся бывшая.
32 “Ɔhene no tee no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Onipa bɔne ne otirimɔdenfo! Wosrɛɛ me no, mede ka kɛse a wode me no nyinaa kyɛɛ wo;
Тогда призвав его господин его, глагола ему: рабе лукавый, весь долг он отпустих тебе, понеже умолил мя еси:
33 ɛnsɛ wo sɛ wo nso wuhu wo yɔnko mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no ana?’
не подобаше ли и тебе помиловати клеврета твоего, якоже и аз тя помиловах?
34 Ɔhene no de abufuw ma wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kae se, gye sɛ watua ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.
И прогневався господь его, предаде его мучителем, дондеже воздаст весь долг свой.
35 “Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomso ankyɛ wɔn a, me soro Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”
Тако и Отец Мой Небесный сотворит вам, аще не отпустите кийждо брату своему от сердец ваших прегрешения их.

< Mateo 18 >