< Malaki 4 >

1 “Ampa ara, da no reba; ɛbɛdɛw te sɛ fononoo. Ahomasofo ne nnebɔneyɛfo nyinaa bɛyɛ nwura gunnwan, na saa da a ɛreba no wɔde ogya bɛto mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Ɛrenka ntin anaa dubaa mma wɔn. 2 Nanso mo a mode nidi ma me din no, trenee owia bepue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mubepue na moahuruhuruw te sɛ nantwimma a wɔabue wɔn afi wɔn buw mu. 3 Na mubetiatia atirimɔdenfo so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo anan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi,” sɛnea Asafo Awurade se ni. 4 “Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa. 5 “Mɛsoma Odiyifo Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba. 6 Ɔbɛdan agyanom koma akɔ wɔn mma so na wadan mma nso koma akɔ agyanom so, anyɛ saa a mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”

< Malaki 4 >