< Luka 6 >

1 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee.
Now it came to pass for him to be going through the grain fields on a particular sabbath, and his disciples were plucking the ears and were eating, rubbing them in their hands.
2 Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”
But some of the Pharisees said to them, Why do ye what is not permitted to do on the sabbath day?
3 Yesu buaa wɔn se, “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛɛ bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu ana?
And having answered them, Jesus said, Have ye not read even this, what David did when he was hungry, and those who were with him,
4 Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfo nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.”
how he entered into the house of God, and took and ate the loaves of the presentation, and also gave to those who were with him, which is not permitted to eat, except the priests alone?
5 Yesu kae se, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”
And he said to them, The Son of man is lord also of the sabbath.
6 Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi.
And it also came to pass on another sabbath for him to enter into the synagogue and teach. And a man was there, and his right hand was withered.
7 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no.
And the scholars and the Pharisees watched if he would heal on the sabbath, so that they might find an accusation against him.
8 Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ.
But he knew their thoughts, and he said to the man who had the withered hand, Rise up, and stand forth in the midst. And having risen, he stood up.
9 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Merebisa mo. Dɛn na mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”
Then Jesus said to them, I will question you. What? Is it permitted on the sabbath to do good, or to do harm, to save life, or to kill?
10 Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛɛ ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no.
And having looked around on them all, he said to him, Stretch forth thy hand. And he did, and his hand was restored whole as the other.
11 Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw.
But they were filled with fury, and deliberated with each other what they might do to Jesus.
12 Da bi a Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae no ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa
And he happened in these days to go out onto the mountain to pray, and he was continuing all night in prayer to God.
13 Ade kyee no ɔfrɛɛ nʼakyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔpaw wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo.
And when it became day, he called his disciples, and chose twelve from them, whom he also named apostles:
14 Wɔn din na edidi so yi: Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua; Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo,
Simon, whom he also named Peter, and Andrew his brother, James and John, Philip and Bartholomew,
15 Mateo, Toma, Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba; Simon, a wɔfrɛ no Selote;
Matthew and Thomas, James the son of Alphaeus, and Simon who was called the Zealot,
16 Yuda a ɔyɛ Yakobo ba; ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no.
Judas the son of James, and Judas Iscariot who also became a traitor.
17 Yesu fii bepɔw no so sian baa fam maa nʼakyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae.
And having come down with them, he stood on a level place. And a company of his disciples, and a large number of the people from all Judea and Jerusalem, and the maritime Tyre and Sidon, were those who came to hear him, and to be healed from their diseases,
18 Wɔbae sɛ wɔrebetie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Otuu ahonhommɔne bebree.
also those who were afflicted with unclean spirits. And they were healed.
19 Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefo a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.
And all the multitude sought to touch him, because power came forth from him, and healed them all.
20 Afei ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo, na mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea!
And having lifted up his eyes on his disciples, he said, Blessed are the poor, because the kingdom of God is what belongs to you.
21 Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahow, na mo na wɔbɛma mo ani agye.
Blessed are those who hunger now, because ye will be filled. Blessed are those who weep now, because ye will laugh.
22 Nhyira ne mo a me din nti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔyaw mo, na wogu mo din ho fi.
Blessed are ye, when men will hate you, and when they will exclude you, and revile you, and cast out your name as evil, because of the Son of man.
23 “Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no.
Rejoice ye in that day, and leap, for behold, your reward is great in heaven, for their fathers did in the same way to the prophets.
24 “Na mo adefo de, munnue efisɛ nea ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio.
However, woe to you the rich, because ye have received your consolation.
25 Munnue, mo a moamee mprempren, na mo na ɔkɔm bɛde mo! Munnue, mo a moreserew mprempren, na mo na mubesi apini asu.
Woe to you who are filled now, because ye will hunger. Woe to you who laugh now, because ye will mourn and weep.
26 Munnue, mo a nnipa kamfo mo, efisɛ saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.”
Woe when men will speak well of you, for their fathers did in the same way to the false prophets.
27 “Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa.
But I say to you, to those who hear, love your enemies. Do good to those who hate you.
28 Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo.
Bless those who curse you. Pray for those who mistreat you.
29 Sɛ obi bɔ wʼasom a, dan baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntama a, worɔw wʼatade ka ho.
To him who strikes thee on the cheek offer the other also, and from him who takes away thy cloak, also do not withhold thy coat.
30 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼade a, mmisa no bio.
Give to every man who asks thee, and from him who takes away thy personal things do not demand them back.
31 Na nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.
And as ye desire that men would do to you, do ye also to them likewise.
32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya? ‘Nnebɔneyɛfo’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no.
And if ye love those who love you, what credit is for you? For even sinners love those who love them.
33 Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yiye a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yiye.
And if ye do good to those who do good to you, what credit is for you? For even sinners do the same.
34 Na sɛ mobɔ wɔn a mususuw sɛ wobetumi atua no nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfo nso bobɔbobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio.
And if ye lend to whom ye hope to receive, what credit is for you? For even sinners lend to sinners, to receive as much again.
35 Monnɔ mo atamfo. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn nea ehia wɔn a, mo ani nni akyi bio. Na sɛ moyɛ eyinom a mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; efisɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfo adɔe, na ɔdom bonniayɛfo nso.
But love your enemies, and do good, and lend, despairing nothing, and your reward will be great. And ye will be sons of the Most High, because he is good toward the ungrateful and bad.
36 Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufo no.
Become ye therefore merciful, even as your Father is merciful.
37 “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.
And do not criticize, and ye will, no, not be criticized. And do not condemn, and ye will, no, not be condemned. Forgive, and ye will be forgiven.
38 Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo anan mu. Nea mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ebesusuw ama mo. Susudua a mode besusuw ama no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”
Give, and it will be given to you, good measure, pressed down, shaken together, and running over, they will give into your bosom. For with the same measure with which ye measure, it will be measured again to you.
39 Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn bio se, “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yiye ana? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.
And he spoke a parable to them. Can a blind man lead a blind man? Will they not both fall into a ditch?
40 Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a ɔbɛsɛ ne wura no.
A disciple is not above his teacher, but every disciple who is fully developed will be as his teacher.
41 “Adɛn nti na wohwɛ dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?
And why do thou see the speck in thy brother's eye, but do not perceive the beam in thine own eye?
42 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw dua ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ bere a mpuran a ɛda wʼani so no mfa wo ho. Nyaatwom, di kan yi mpuran a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahuw ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no ama no.
Or how can thou say to thy brother, Brother, allow me to take out the speck that is in thine eye, when thou thyself do not see the beam in thine own eye? Thou hypocrite, first take out the beam from thine own eye, and then thou will see clearly to take out the speck in thy brother's eye.
43 “Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa.
For a good tree is not producing corrupt fruit, nor a corrupt tree producing good fruit.
44 Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew borɔdɔma mfi nware so.
For each tree is known from its own fruit. For they do not gather figs from thorns, nor do they harvest grapes from a bramble bush.
45 Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi nʼano.
The good man out of the good treasure of his heart brings forth the good, and the bad man out of the bad treasure of his heart brings forth the bad, for out of the abundance of the heart his mouth speaks.
46 “Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso munni mʼasɛm so?
And why do ye call me, Lord, Lord, and not do the things that I say?
47 Merekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie mʼasɛm di so no te.
Every man who comes to me, and hears my sayings, and does them, I will show you to whom he is like.
48 Ɔte sɛ obi a na ɔresi dan na ɔtoo ne dan no fapem ma esii ɔbotan so. Na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ɔdan no ase nanso ammu, efisɛ osi sii ɔbotan so.
He is like a man who builds a house, who dug and excavated, and laid a foundation upon the rock. And when a flood developed, the stream beat upon that house, and could not shake it, for it had been founded upon the rock.
49 Na nea ɔte mʼasɛm na onni so no te sɛ obi a ɔresi dan, na osii dan no sii nwea so, na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ase ma edwiriw sɛee pasaa.”
But he who heard, and not having done, is like a man who built a house upon the soil without a foundation, on which the stream beat, and straightaway it fell. And the ruin of that house became great.

< Luka 6 >