< Luka 4 >

1 Afei Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no fii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea sare so.
Isus pak pun Duha svetoga vrati se od Jordana, i odvede ga Duh u pustinju,
2 Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɔkɔm dee no.
I èetrdeset dana kuša ga ðavo, i ne jede ništa za to dana; i kad se oni navršiše, onda ogladnje,
3 Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”
I reèe mu ðavo: ako si sin Božij, reci ovome kamenu da postane hljeb.
4 Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’”
I odgovori mu Isus govoreæi: u pismu stoji: neæe življeti èovjek o samom hljebu, nego o svakoj rijeèi Božijoj.
5 Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw bi so kyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa bere tiaa bi mu.
I izvedavši ga ðavo na goru visoku pokaza mu sva carstva ovoga svijeta u trenuæu oka,
6 Na ɔka kyerɛɛ Yesu se,
I reèe mu ðavo: tebi æu dati svu vlast ovu i slavu njihovu, jer je meni predana, i kome ja hoæu daæu je;
7 “Sɛ wobɛkotow, asom me a, mede ahenni ahorow yi ne mu tumi ne anuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”
Ti dakle ako se pokloniš preda mnom biæe sve tvoje.
8 Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’”
I odgovarajuæi Isus reèe mu: idi od mene, sotono; u pismu stoji: poklanjaj se Gospodu Bogu svojemu, i njemu jedinome služi.
9 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho fi nea wugyina hɔ to fam!
I odvede ga u Jerusalim, i postavi ga navrh crkve, i reèe mu: ako si sin Božij, skoèi odavde dolje;
10 Efisɛ wɔakyerɛw se, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban;
Jer u pismu stoji da æe anðelima svojijem zapovjediti za tebe da te saèuvaju,
11 na wɔabɛwɛn wʼakwan nyinaa mu; wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.’”
I uzeæe te na ruke da gdje ne zapneš za kamen nogom svojom.
12 Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn nhwɛ.’”
I odgovarajuæi Isus reèe mu: kazano je: ne kušaj Gospoda Boga svojega.
13 Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe.
I kad svrši ðavo sve kušanje, otide od njega za neko vrijeme.
14 Yesu san baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛ koraa na ne din trɛw faa ɔman no mu nyinaa.
I vrati se Isus u sili duhovnoj u Galileju; i otide glas o njemu po svemu onom kraju.
15 Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.
I on uèaše po zbornicama njihovijem, i svi ga hvaljahu.
16 Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Kyerɛwsɛm.
I doðe u Nazaret gdje bješe odrastao, i uðe po obièaju svome u dan subotni u zbornicu, i ustade da èita.
17 Wɔde Odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se,
I daše mu knjigu proroka Isaije, i otvorivši knjigu naðe mjesto gdje bješe napisano:
18 “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se, wobenya ahofadi, na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam.
Duh je Gospodnji na meni; zato me pomaza da javim jevanðelje siromasima; posla me da iscijelim skrušene u srcu; da propovjedim zarobljenima da æe se otpustiti, i slijepima da æe progledati; da otpustim sužnje;
19 Honhom no asoma me sɛ memmɛka se, Awurade adom no aba.”
I da propovijedam prijatnu godinu Gospodnju.
20 Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no komm.
I zatvorivši knjigu dade sluzi, pa sjede: i svi u zbornici gledahu na nj.
21 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ na Kyerɛwsɛm no aba mu.”
I poèe im govoriti: danas se izvrši ovo pismo u ušima vašima.
22 Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkaa no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisaa se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”
I svi mu svjedoèahu, i divljahu se rijeèima blagodati koje izlažahu iz usta njegovijeh, i govorahu: nije li ovo sin Josifov?
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me sɛ, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’
I reèe im: vi æete meni bez sumnje kazati ovu prièu: ljekaru! izlijeèi se sam; što smo èuli da si èinio u Kapernaumu uèini i ovdje na svojoj postojbini.
24 “Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom.
Reèe pak: zaista vam kažem: nikakav prorok nije mio na svojoj postojbini.
25 Nokware ni, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu.
A zaista vam kažem: mnoge udovice bijahu u Izrailju u vrijeme Ilijno kad se nebo zatvori tri godine i šest mjeseci i bi velika glad po svoj zemlji;
26 Nanso Onyankopɔn ansoma Odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn.
I ni k jednoj od njih ne bi poslan Ilija do u Sareptu Sidonsku k ženi udovici.
27 Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.”
I mnogi bijahu gubavi u Izrailju za proroka Jelisija; i nijedan se od njih ne oèisti do Neemana Sirijanina.
28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa.
I svi se u zbornici napuniše gnjeva kad èuše ovo.
29 Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatiko ama wakɔhwe bepɔw no ase.
I ustavši istjeraše ga napolje iz grada, i odvedoše ga navrh gore gdje bijaše njihov grad sazidan da bi ga bacili odozgo.
30 Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.
Ali on proðe izmeðu njih, i otide.
31 Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara.
I doðe u Kapernaum grad Galilejski, i uèaše ih u subote.
32 Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ ɔkasaa wɔ tumi so.
I èuðahu se nauci njegovoj; jer njegova besjeda bješe silna.
33 Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu se,
I u zbornici bješe èovjek u kome bješe neèisti duh ðavolski, i povika iza glasa
34 “Yesu Nasareni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”
Govoreæi: proði se, šta je tebi do nas, Isuse Nazareæanine? Došao si da nas pogubiš? Znam te ko si, svetac Božij.
35 Yesu hyɛɛ honhommɔne no se, “Tu fi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no.
I zaprijeti mu Isus govoreæi: umukni, i iziði iz njega. I oborivši ga ðavo na srijedu, iziðe iz njega, i nimalo mu ne naudi.
36 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahonhommɔne ma wotie yi?”
I u sve uðe strah, i govorahu jedan drugome govoreæi: kakva je to rijeè, da vlašæu i silom zapovijeda neèistijem duhovima, i izlaze?
37 Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛw faa ɔman no mu nyinaa.
I otide glas o njemu po svima okolnijem mjestima.
38 Yesu fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridiinini abɔ Simon asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare.
Ustavši pak iz zbornice doðe u kuæu Simonovu; a taštu Simonovu bješe uhvatila velika groznica, i moliše ga za nju.
39 Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amono mu hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.
I stavši više nje zaprijeti groznici, i pusti je. I odmah ustade i služaše im.
40 Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae se, Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare.
A kad zahoðaše sunce, svi koji imadijahu bolesnike od razliènijeh bolesti dovoðahu ih k njemu; a on na svakoga od njih metaše ruke, i iscjeljivaše ih.
41 Ahohommɔne fii nnipa no pii mu a na wɔreteɛteɛ mu se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wommua wɔn ano, efisɛ na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.
A i ðavoli izlažahu iz mnogijeh vièuæi i govoreæi: ti si Hristos sin Božij. I zapreæivaše im da ne govore da znadu da je on Hristos.
42 Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ.
A kad nasta dan, iziðe i otide u pusto mjesto; i narod ga tražaše, i doðe k njemu, i zadržavahu ga da ne ide od njih.
43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho no kyerɛ nkurow afoforo nso, efisɛ ɛno nti na wɔsomaa me.”
A on im reèe: i drugijem gradovima treba mi propovjediti jevanðelje o carstvu Božijemu; jer sam na to poslan.
44 Yesu kyinkyin Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkaa asɛmpa no.
I propovijedaše po zbornicama Galilejskijem.

< Luka 4 >