< Luka 3 >

1 Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so.
Now in the fifteenth year of the rule of Tiberius Caesar, Pontius Pilate being ruler of Judaea, and Herod being king of Galilee, his brother Philip king of the country of Ituraea and Trachonitis, and Lysanias king of Abilene,
2 Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin.
When Annas and Caiaphas were high priests, the word of the Lord came to John, the son of Zacharias, in the waste land.
3 Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
And he came into all the country round about Jordan, preaching baptism as a sign of forgiveness of sin for those whose hearts were changed.
4 Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se, “Nne bi teɛ mu wɔ sare so se, ‘Munsiesie kwan mma Awurade; momma nʼatempɔn nteɛ.
As it says in the book of the words of Isaiah the prophet, The voice of one crying in the waste land, Make ready the way of the Lord, make his roads straight.
5 Obon biara bɛyɛ ma. Bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam; asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.
Every valley will be lifted up, and all the mountains and hills made low, and the twisted will be made straight, and the rough ways smooth;
6 Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’”
And all flesh will see the salvation of God.
7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho?
So he said to the people who went out to him for baptism: You offspring of snakes, at whose word are you going in flight from the wrath to come?
8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.
Make clear by your acts that your hearts have been changed; and do not say to yourselves, We have Abraham for our father: for I say to you that God is able from these stones to make children of Abraham.
9 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.”
And even now the axe is put to the root of the trees; and every tree which does not have good fruit will be cut down and put into the fire.
10 Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?”
And the people put questions to him, saying, What have we to do?
11 Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”
And he made answer and said to them, He who has two coats, let him give to him who has not even one; and he who has food, let him do the same.
12 Towgyefo a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”
Then tax-farmers came to him for baptism and said to him, Master, what have we to do?
13 Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”
And he said to them, Do not make an attempt to get more money than the right amount.
14 Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?” Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!”
And men of the army put questions to him, saying, And what have we to do? And he said to them, Do no violent acts to any man, and do not take anything without right, and let your payment be enough for you.
15 Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
And while the people were waiting, and all men were questioning in their hearts about John, if he was the Christ or not,
16 Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
John made answer, saying to them all, Truly, I give you baptism with water, but one is coming who is greater than I, whose shoes I am not good enough to undo: he will give you baptism with the Holy Spirit, and with fire:
17 Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.”
In whose hand is the instrument with which he will make clean his grain; he will put the good grain in his store, but the waste will be burned in the fire which will never be put out.
18 Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
And so comforting them with these and other words, he gave the good news to the people;
19 Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho.
But Herod the king, because John had made a protest on account of Herodias, his brother's wife, and other evil things which Herod had done,
20 Eyi maa Herode de Yohane too afiase.
Did this most evil thing of all, and had John shut up in prison.
21 Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei.
Now it came about that when all the people had been given baptism, Jesus, having had baptism with them, was in prayer, when, the heaven being open,
22 Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
The Holy Spirit came down in the form of a dove, and a voice came from heaven, saying, You are my dearly loved Son, with whom I am well pleased.
23 Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. Yosef agya ne Eli.
And Jesus at this time was about thirty years old, being the son (as it seemed) of Joseph, the son of Heli,
24 Eli agya ne Mattat; Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki; Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef;
The son of Matthat, the son of Levi, the son of Melchi, the son of Jannai, the son of Joseph,
25 Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos; Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli; Hesli agya ne Nagai;
The son of Mattathias, the son of Amos, the son of Nahum, the son of Esli, the son of Naggai,
26 Nagai agya ne Mahat; Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein; Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda;
The son of Maath, the son of Mattathias, the son of Semein, the son of Josech, the son of Joda,
27 Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa; Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel; Sealtiel agya ne Neri;
The son of Joanan, the son of Rhesa, the son of Zerubbabel, the son of Shealtiel, the son of Neri,
28 Neri agya ne Melki; Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam; Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er;
The son of Melchi, the son of Addi, the son of Cosam, the son of Elmadam, the son of Er,
29 Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser; Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat; Mattat agya ne Lewi;
The son of Jesus, the son of Eliezer, the son of Jorim, the son of Matthat, the son of Levi,
30 Lewi agya ne Simeon; Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne Yonam; Yonam agya ne Eliakim;
The son of Symeon, the son of Judas, the son of Joseph, the son of Jonam, the son of Eliakim,
31 Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena; Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan; Natan agya ne Dawid;
The son of Melea, the son of Menna, the son of Mattatha, the son of Nathan, the son of David,
32 Dawid agya ne Yisai; Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas; Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson;
The son of Jesse, the son of Obed, the son of Boaz, the son of Salmon, the son of Nahshon,
33 Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin; Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne Peres; Peres agya ne Yuda;
The son of Amminadab, the son of Arni, the son of Hezron, the son of Perez, the son of Judah,
34 Yuda agya ne Yakob; Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham; Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor;
The son of Jacob, the son of Isaac, the son of Abraham, the son of Terah, the son of Nahor,
35 Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu; Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber; Eber agya ne Sala;
The son of Serug, the son of Reu, the son of Peleg, the son of Eber, the son of Shelah,
36 Sala agya ne Kainan; Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem; Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek;
The son of Cainan, the son of Arphaxad, the son of Shem, the son of Noah, the son of Lamech,
37 Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok; Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel; Mahalalel agya ne Kenan;
The son of Methuselah, the son of Enoch, the son of Jared, the son of Mahalaleel, the son of Cainan,
38 Kenan agya ne Enos; Enos agya ne Set; Set agya ne Adam; Adam agya ne Onyankopɔn.
The son of Enos, the son of Seth, the son of Adam, the son of God.

< Luka 3 >