< Luka 24 >

1 Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so.
的第一天,天還很早,婦女們便攜帶預備下的香料,來到墳墓那裏,
2 Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ.
見石頭已由墓穴滾開了。
3 Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ.
她們進去,不見了主耶穌的遺體。
4 Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn.
她們正為此事疑慮的時候,忽然有兩個人,穿著耀目的衣服,站在她們身邊。
5 Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu?
她們都害怕,把臉垂在地上,那兩個人對她們說:「妳們為什麼在死人中找活人呢﹖
6 Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se,
祂不在這裡了,祂已復活了。們應當記得:祂還在加利肋亞時,怎樣告訴過你們說:
7 ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?”
「人子必須被於罪人之手,被釘在十字架上,並在第三日復活。」
8 Mmea no kaee asɛm no.
她們遂想起了祂的話,
9 Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa.
從墳墓那裏回去,把這一切事報告給那十一門徒及其餘的眾人,
10 Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi.
她們是瑪利亞瑪達肋納及約安納和雅各伯的母親瑪利亞;其餘同她們一起的婦女,也把這些事報告給宗徒。
11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni.
但婦女們的這些話,在他們看來,好像是無稽之談,不敢相信。
12 Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase.
伯多祿起來,跑到墳墓那裏,屈身向裡窺看,只見有殮布,就走了,心裏驚異所發生的事。
13 Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason.
就在那一天,他們中,有兩個人往一個村莊去,村名厄瑪烏,離耶路撒冷約六十「斯塔狄。」
14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi.
他們彼此講論所生的一切事。
15 Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe.
正談話討論的時候,耶穌親自走近他們,與他們同行。
16 Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu.
他們的眼睛卻被阻止往了,以致認不出祂來
17 Obisaa wɔn se, “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?”
耶穌對他們說:「你們走路,彼此談論的是些什麼事﹖」他們就站往,面帶愁容。
18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?”
一個名叫克羅帕的,回答祂說:「獨有你在耶路撒冷作客,不知道在那裡這幾天所發生的事嗎﹖」
19 Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?” Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,
耶穌問他們說:「什麼事﹖」他們回答說:「就是有關納匝肋人耶穌的事。祂本是一位先知,在天主及眾百姓前,行事說話都權力。
20 ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho.
我們的司祭長及首領竟解送了祂,判了祂死罪,釘祂在十字架上。
21 Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne sɛ nnansa ni a saa asɛm yi sii.
我們原指望祂就是那要拯救以色列的。可是─此外還有:這些事發生到今天已是第三天了。
22 Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara,
我們中有幾個婦女驚嚇了我們;她們清早到了墳墓那裏,
23 nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase.
沒有看見祂的遺體,回來說她們見了天使顯現,天使說祂復活了。
24 Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.”
我們中也有幾個到過墳墓那裏,所遇見的事,如同婦女們所說的一樣,但是沒有看見祂。」
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi.
耶穌於是對他們說:「唉! 無知的人哪! 為信先知們所說的一切話,你們的心竟是這般遲鈍!
26 Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?”
默西亞不是必須受這些苦難,才進入祂的光榮嗎﹖」
27 Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase.
祂於是從梅瑟及眾先知開始,把全部經書論及祂的話,都給他們解釋了。
28 Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so.
當他們臨近了m囡去的村莊時,耶穌裝作還要前行。
29 Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie.
他們強留祂說:「請同我們一起住下吧! 因為快到晚上,天已垂暮了。」 耶穌就進去,同他們住下。
30 Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn.
當耶穌與他們坐下吃飯的時候,就拿起餅來,祝福了,擘開,遞給他們。
31 Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae.
他們的眼睛開了,這才認出耶穌來;但祂卻由他們眼前隱沒了。
32 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?”
他們就彼此說:「當祂在路上與我們談話,給我們講解聖經的時候,我們的心不是火熱的嗎﹖」
33 Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia.
他們遂即動身,返回耶路撒冷,遇見那十一門徒及同同他們一起的人,正聚在一起,
34 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.”
彼此討論說:「主真復活了,並顯現給西滿了。」
35 Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa.
二人就把在路上的事,反在分餅時,怎樣認出了耶穌,述說了一遍。
36 Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ na Yesu beduu hɔ, kyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo!”
他們正談論這事的時候,耶穌立在他們中間,向他們說:「願你們平安! 」
37 Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman.
眾人害怕起來,想是見了鬼神。
38 Obisaa wɔn se, “Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso sɛ ɛyɛ me?
耶穌向他們說:「你們為什麼恐懼﹖為什麼心裏起了疑惑﹖
39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”
你們看看我的手,我的腳,分明是我自己。你們摸摸我,應該知道:鬼神是沒有肉軀和骨頭的,如同你們看我,卻是有的。」
40 Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.
說了這話,就把手和腳伸給他們看。
41 Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, “Mowɔ biribi wɔ ha a mubedi ana?”
他們由於歡喜,還是不敢信,只是驚訝;耶穌向他們說:「你們這裏有什麼吃的沒有﹖」
42 Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto
他們便給了祂一塊烤魚。
43 ma ogye wee wɔ wɔn anim hɔ ara.
祂便接過來,當他們面前吃了。
44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo wɔ hɔ no se, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu.”
耶穌對他們說:「我以前還同你們在一起的時候,就對你們說過這話:諸凡梅瑟法律、先知並聖詠上指著我所記載的話,都必須應驗。」
45 Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase.
耶穌遂開啟他們的明悟,叫他們理解經書;
46 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔakyerɛw se, ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu.
又向他們說:「經上曾這樣記載:默西亞必須受苦,第三天要從死者中復活;
47 Na wobefi ase wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.
並且必須從耶路撒冷開始,因祂的名向萬邦宣講悔改,以得罪之赦。
48 Mone eyinom nyinaa ho nnansefo.
你們就是這些事的見證人。
49 Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea mʼagya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a efi ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”
看,我要把我父所恩許的,遺發到你們身上;至於你們,你們應當留在這城中,直到佩帶上自高天而來的能力。」
50 Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.
耶穌領他們出去,直到伯達尼附近,就舉手降福了他們。
51 Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro.
正降福他們的時候,就他們,被提升天去了。
52 Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem.
他們叩拜了祂,皆大歡喜地返回了耶路撒冷,
53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.
常在聖殿裏稱謝天主。

< Luka 24 >