< Luka 21 >

1 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu.
Respiciens autem vidit eos, qui mittebant munera sua in gazophylacium, divites.
2 Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu.
Vidit autem et quamdam viduam pauperculam mittentem æra minuta duo.
3 Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa.
Et dixit: Vere dico vobis, quia vidua hæc pauper, plus quam omnes misit.
4 Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”
Nam omnes hi ex abundanti sibi miserunt in munera Dei: hæc autem ex eo, quod deest illi, omnem victum suum, quem habuit, misit.
5 Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔadi agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se,
Et quibusdam dicentibus de templo quod bonis lapidibus, et donis ornatum esset, dixit:
6 “Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
Hæc, quæ videtis, venient dies, in quibus non relinquetur lapis super lapidem, qui non destruatur.
7 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”
Interrogaverunt autem illum, dicentes: Præceptor, quando hæc erunt, et quod signum cum fieri incipient?
8 Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!
Qui dixit: Videte ne seducamini: multi enim venient in nomine meo, dicentes quia ego sum: et tempus appropinquavit: nolite ergo ire post eos.
9 Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”
Cum autem audieritis prælia, et seditiones, nolite terreri: oportet primum hæc fieri, sed nondum statim finis.
10 Ɔkaa bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so.
Tunc dicebat illis: Surget gens contra gentem, et regnum adversus regnum.
11 Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.
Et terræmotus magni erunt per loca, et pestilentiæ, et fames, terroresque de cælo, et signa magna erunt.
12 “Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim.
Sed ante hæc omnia iniicient vobis manus suas, et persequentur tradentes in synagogas, et custodias, trahentes ad reges, et præsides propter nomen meum:
13 Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse.
continget autem vobis in testimonium.
14 Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho;
Ponite ergo in cordibus vestris non præmeditari quemadmodum respondeatis.
15 Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim.
Ego enim dabo vobis os, et sapientiam, cui non poterunt resistere, et contradicere omnes adversarii vestri.
16 Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi.
Trademini autem a parentibus, et fratribus, et cognatis, et amicis, et morte afficient ex vobis:
17 Na me nti nnipa bɛtan mo.
et eritis odio omnibus propter nomen meum:
18 Nanso mo tinwi baako pɛ mpo renyera.
et capillus de capite vestro non peribit.
19 Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.”
In patientia vestra possidebitis animas vestras.
20 “Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn.
Cum autem videritis circumdari ab exercitu Ierusalem, tunc scitote quia appropinquavit desolatio eius:
21 Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraa ne mfuw mu no ntena hɔ ara.
tunc qui in Iudæa sunt, fugiant ad montes: et qui in medio eius, discedant: et qui in regionibus, non intrent in eam.
22 Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu.
Quia dies ultionis hi sunt, ut impleantur omnia, quæ scripta sunt.
23 Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so.
Væ autem prægnantibus, et nutrientibus in illis diebus. Erit enim pressura magna super terram, et ira populo huic.
24 Ebinom bɛtotɔ wɔ afoa ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwa mu.”
Et cadent in ore gladii: et captivi ducentur in omnes Gentes. Et Ierusalem calcabitur a Gentibus: donec impleantur tempora nationum.
25 “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so.
Et erunt signa in sole, et luna, et stellis, et in terris pressura Gentium præ confusione sonitus maris, et fluctuum:
26 Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ piti na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so.
arescentibus hominibus præ timore, et expectatione, quæ supervenient universo orbi: nam virtutes cælorum movebuntur:
27 Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.
et tunc videbunt Filium hominis venientem in nube cum potestate magna, et maiestate.
28 Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn, efisɛ na mo nkwagye bere abɛn.”
His autem fieri incipientibus, respicite, et levate capita vestra: quoniam appropinquat redemptio vestra.
29 Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa.
Et dixit illis similitudinem: Videte ficulneam, et omnes arbores:
30 Sɛ eyiyi nhaban foforo a na ɛkyerɛ sɛ asusow bere adu.
cum producunt iam ex se fructum, scitis quoniam prope est æstas.
31 Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a mereka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.
Ita et vos cum videritis hæc fieri, scitote quoniam prope est regnum Dei.
32 “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
Amen dico vobis, quia non præteribit generatio hæc, donec omnia fiant.
33 Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.
Cælum, et terra transibunt: verba autem mea non transibunt.
34 “Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwen nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befu mo mu.
Attendite autem vobis, ne forte graventur corda vestra in crapula, et ebrietate, et curis huius vitæ: et superveniat in vos repentina dies illa:
35 Efisɛ me ba a mɛba no befu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu.
tamquam laqueus enim superveniet in omnes, qui sedent super faciem omnis terræ.
36 Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”
Vigilate itaque, omni tempore orantes, ut digni habeamini fugere ista omnia, quæ futura sunt, et stare ante Filium hominis.
37 Da biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome.
Erat autem diebus docens in templo: noctibus vero exiens, morabatur in monte, qui vocatur Oliveti.
38 Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kotie no wɔ asɔredan mu.
Et omnis populus manicabat ad eum in templo audire eum.

< Luka 21 >