< Luka 20 >

1 Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyin kobisaa no se,
And it came to pass, on one of the days, as he was teaching the people in the temple, and telling the good tidings, that the High-priests and the Scribes, with the Elders, came upon him, —
2 “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hena nso na ɔmaa wo saa tumi no?”
and spake, saying, unto him—Tell us, by what authority, these things, thou art doing, and, who, is it, that gave thee this authority.
3 Yesu buaa wɔn se, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me.
And answering, he said unto them—I too, will question, you, as to a matter, —and tell me!
4 Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; efi Onyankopɔn anaa efi onipa?”
The immersion of John, Of heaven, was it, or of men?
5 Wɔfaa ho adwene kae se, “Sɛ yɛka se efi Onyankopɔn a obebisa yɛn se, ‘ɛno de, adɛn nti na moannye no anni?’
And they deliberated together by themselves, saying—If we say, Of heaven, he will say, Wherefore did ye not believe him?
6 Sɛ nso yɛka se efi onipa a, ɔman mu no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wonim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
But, if we say, Of men, the people, one and all, will stone us, for, persuaded, they are, that, John, was, a prophet.
7 Ewiee ase no, wobuae se, “Yennim.”
And they answered, that they knew not whence.
8 Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuae.”
And, Jesus, said unto them—Neither do, I, tell, you, by what authority, these things, I am doing.
9 Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo de hyɛɛ apaafo bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Eyi akyi, otuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi kɔtenaa hɔ kyɛe.
And he began, unto the people, to be speaking this parable: —A man, planted a vineyard, and let it out to husbandmen, and went from home for a long time.
10 Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo se onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no, ma ɔsan kɔɔ nsapan.
And, in due season, he sent unto the husbandmen, a servant, that, of the fruit of the vineyard, they might give him; but, the husbandmen, having beaten him, sent him away empty.
11 Ɔsomaa ɔsomfo foforo ma ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan.
And he, further, sent another servant; but, they, beating, that one also, and dishonouring him, sent him away, empty.
12 Ɔsan somaa ɔsomfo foforo na ɔno mpo de, wopirapiraa no pam no.
And he, further, sent, a third; but, they, bruising, this one also, thrust him out.
13 “Eyi maa bobeturo wura no kae se, ‘Dɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno de, ebia wɔbɛfɛre no.’
And the lord of the vineyard said—What shall I do? I will send my son, the beloved, —It may be, that, him, they will respect.
14 “Nanso bere a apaafo no huu no no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no ni, momma yenkum no na yɛmfa nʼagyapade no.’
But he husbandmen, seeing him, began to deliberate one with another, saying—This, is, the heir: Let us slay him, that, ours, may be, the inheritance.
15 Wɔtwee no fii afuw no mu kokum no. “Mugye di sɛ dɛn na afuw wura no bɛyɛ saa apaafo yi?
And, thrusting him forth outside the vineyard, they slew him. What, then, will the lord of the vineyard do unto them?
16 Ɔbɛba abekunkum saa apaafo yi na ɔde afuw no ama afoforo.” Nnipa a wɔretie Yesu no kae se, “Ɛmpare yɛn!”
He will come, and destroy these husbandmen, and give the vineyard unto others. But, when they heard it, they said—Far be it!
17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, “Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se, “‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn?
But, he, looking at them, said—What, then, is this that is written, —A stone which the builders’ rejected, The same, hath become, head of the corner?
18 Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”
Every one who falleth on that stone, will be sorely bruised, but, on whomsoever it shall fall, it will utterly destroy him.
19 Esiane sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin no huu se Yesu buu bɛ no tiaa wɔn nti wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no saa bere no ara mu, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti na wosuro.
And the Scribes and the High-priests sought to thrust on him their hands, in that very hour; and feared the people; for they perceived that, against them, spake he this parable.
20 Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu.
And, watching narrowly, they sent forth suborned men, feigning themselves to be, righteous, that they might lay hold of a word of his, so as to deliver him up unto the rule and the authority of the governor.
21 Saa nnipa yi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokware kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn.
And they questioned him, saying—Teacher! we know that, rightly, thou speakest and teachest, and respectest no person, but, in truth, the way of God, dost teach:
22 Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?”
Is it allowable for us to give, unto Caesar, tribute, or not?
23 Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
But, observing their villainy, he said unto them—
24 “Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?” Wobuaa no se, “Ɛyɛ Kaesare dea.”
Shew me a denary. Of whom, hath it an image and inscription? And, they, said—Of Caesar.
25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”
And, he, said unto them—Well then! render the things of Caesar, unto Caesar, and the things of God, unto God.
26 Yesu mmuae a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.
And they could not lay hold of the saying, before the people; and, marvelling at his answer, they held their peace.
27 Sadukifo bi a wonnye owusɔre nni baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,
But there came near certain of the Sadducees, they who say, Resurrection, there is none! and questioned him,
28 “Kyerɛkyerɛfo, Mose mmara no kyerɛ yɛn se, sɛ ɔbarima bi wɔ ɔyere na ɔne no anwo na owu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufo no.
saying—Teacher! Moses, wrote for us, If one’s brother die, having a wife, and, he, be, childless, that his brother shall take the wife, and raise up seed unto his brother.
29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no waree ɔbea a ɔne no anwo na owui.
Seven brethren, therefore, there were, —and, the first, taking a wife, died childless,
30 Ne nua a odi nʼakyi no waree no nanso ɔne no anwo na owui.
And, the second,
31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wowuwui.
and the third, took her, —yea, likewise, even the seven; They left no children, and died:
32 Akyiri no ɔbea no nso wui.
Later on, the woman also, died.
33 Yɛn asɛmmisa ne sɛ, esiane sɛ ɔbea yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔre da no, wɔn mu hena na ɔbea yi bɛyɛ ne yere?”
The woman, therefore, in the resurrection, Of which of them, doth she become wife? for, the seven, had her to wife.
34 Yesu buae se, “Asase yi so na nnipa dwene aware ho. (aiōn g165)
And Jesus said unto them—The sons of this age, marry, and are given in marriage, — (aiōn g165)
35 Na wɔn a owusɔre da no wobenya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, aware ho renhia wɔn. (aiōn g165)
But, they who have been accounted worthy, that age, to obtain, and the resurrection that is from among the dead, neither marry, nor are given in marriage; (aiōn g165)
36 Na owu nso nni hɔ mma wɔn bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Esiane sɛ wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.
For they cannot, even die any more, —for, equal unto messengers, are they, and are, sons of God, Of the resurrection, being, sons.
37 Afei mo asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho no nso, Mose maa yehuu no pefee sɛ, owusɔre wɔ hɔ. Efisɛ nʼasɛm a ɔkyerɛw faa wura a na ɛredɛw no ho no, ɔbɔɔ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din.
But, that the dead do rise, even Moses, disclosed at the bush, when he calleth the Lord—The God of Abraham and God of Isaac and God of Jacob:
38 Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefo Nyankopɔn na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, efisɛ obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ owu mpo a, obenya nkwa a enni awiei.”
Now, God, he is not, of the dead, but, of the living, —for, all, unto him, do live.
39 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi kae se, “Kyerɛkyerɛfo, woabua no yiye.”
And certain of the Scribes, answering, said—Teacher! Well, hast thou spoken.
40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.
For, no longer, were they daring to ask him any questions.
41 Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na wɔka se Kristo no yɛ Dawid ba?”
And he said unto them—How say they, that, the Christ, is, David’s Son?
42 Efisɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu se, “Awurade ka kyerɛɛ me wura se: ‘Tena me nifa so
For, David himself, saith, in [the] book of Psalms: Said the Lord, unto my Lord, Sit thou at my right hand,
43 kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo so nkonim.’
Until I make thy foes thy footstool.
44 Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”
David, therefore, calleth, him Lord: How, then, his son, is he?
45 Bere a nnipa no retie no no, Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
And, all the people hearing, he said unto the disciples:
46 “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea.
Be taking heed of the Scribes—Who desire to walk about in long robes, and are fond of salutations in the markets, and first seats in the synagogues, and first couches in the chief meals, —
47 Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a mu yɛ duru.”
Who devour the houses of widows, and, for a show, are a long time at prayer. These, shall receive, a heavier sentence.

< Luka 20 >