< Luka 2 >

1 Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa.
About that time an edict was issued by the Emperor Augustus that a census should be taken of the whole Empire.
2 Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so.
(This was the first census taken while Quirinius was Governor of Syria).
3 Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din.
And everyone went to his own town to be registered.
4 Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
Among others Joseph went up from the town of Nazareth in Galilee to Bethlehem, the town of David, in Judea – because he belonged to the family and house of David –
5 Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe.
to be registered with Mary, his engaged wife, who was about to become a mother.
6 Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria,
While they were there her time came,
7 na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
and she gave birth to her first child, a son. And because there was no room for them in the inn, she swathed him around and laid him in a manger.
8 Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan.
In that same countryside were shepherds out in the open fields, watching their flocks that night,
9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn.
when an angel of the Lord suddenly stood by them, and the glory of the Lord shone around them; and they were seized with fear.
10 Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa.
“Have no fear,” the angel said. “For I bring you good news of a great joy in store for all the nation.
11 Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom.
This day there has been born to you, in the town of David, a Savior, who is Christ and Lord.
12 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”
And this will be the sign for you. You will find the infant swathed, and lying in a manger.”
13 Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se,
Then suddenly there appeared with the angel a multitude of the heavenly Host, praising God, and singing –
14 “Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn, na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”
“glory to God on high, and on earth peace among those in whom he finds pleasure.”
15 Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”
Now, when the angels had left them and gone back to heaven, the shepherds said to one another, “Let us go at once to Bethlehem, and see this thing that has happened, of which the Lord has told us.”
16 Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu.
So they went quickly, and found Mary and Joseph, and the infant lying in a manger;
17 Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo hɔ no.
and, when they saw it, they told of all that had been said to them about this child.
18 Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn.
All who heard the shepherds were astonished at their story,
19 Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho.
while Mary treasured in her heart all that they said, and thought about it often.
20 Nguanhwɛfo no kohuu nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
And the shepherds went back, giving glory and praise to God for all that they had heard and seen. It had all happened as they had been told.
21 Abofra no dii nnaawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔsoro ɔbɔfo no kyerɛɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wotwaa no twetia.
Eight days after the birth of the child, when it was time to circumcise him, he received the name Jesus – the name given him by the angel before his conception.
22 Bere duu sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa.
When the period of purification of mother and child, required by the Law of Moses, came to an end, his parents took the child up to Jerusalem to present him to the Lord,
23 Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade.”
in compliance with the Law of the Lord that every firstborn male will be dedicated to the Lord,
24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no.
and also to offer the sacrifice required by the Law of the Lord – a pair of turtle-doves or two young pigeons.
25 Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan.
There was at that time in Jerusalem a man named Simeon, a righteous and devout man, who lived in constant expectation of Israel’s consulation, and under the guidance of the Holy Spirit.
26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no se ɔrenwu kosi sɛ obehu Agyenkwa a Awurade asra no no.
It had been revealed to him by the Holy Spirit that he should not die until he had seen the Lord’s Christ.
27 Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu sɛ wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no,
Moved by the Spirit, Simeon came into the Temple Courts, and, when the parents brought in the child Jesus, to do for him what was customary under the Law,
28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se,
Simeon himself took the child in his arms, and blessed God, and said:
29 “Awurade, afei ma wʼakoa nwu wɔ asomdwoe mu
“Now, Lord, you will let your servant go, according to your word, in peace,
30 efisɛ mʼani ahu Agyenkwa
for my eyes have seen the salvation
31 a wohyɛɛ me ne ho bɔ no.
which you have prepared in the sight of all nations –
32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa na wahyɛ wo man Israel anuonyam!”
a light to bring light to the Gentiles, and to be the glory of your people Israel.”
33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne na Maria nwonwa.
While the child’s father and mother were wondering at what was said about him,
34 Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, “Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina.
Simeon gave them his blessing, and said to Mary, the child’s mother, “This child is appointed to be the cause of the fall and rise of many in Israel, and to be a sign much spoken against –
35 Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu.”
Yes, the sword will pierce your own heart – and so the thoughts in many minds will be disclosed.”
36 Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason pɛ na ne kunu no wui.
There was also a prophet named Hannah, a daughter of Phanuel and of the tribe of Asher. She was far advanced in years, having lived with her husband for seven years after marriage,
37 Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn.
and then a widow, until she had reached the age of eighty-four. She never left the Temple Courts, but, fasting and praying, worshiped God night and day.
38 Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa.
At that moment she came up, and began publicly to thank God and to speak about the child to all who were looking for the deliverance of Jerusalem.
39 Wowiee amanne sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea,
When the child’s parents had done everything required by the Law of the Lord, they returned to Galilee to their own town of Nazareth.
40 Abofra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.
The child grew and became strong and wise, and the blessing of God was on him.
41 Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.
Every year the child’s parents used to go to Jerusalem at the Passover Festival.
42 Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no, nʼawofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no.
When Jesus was twelve years old, they went according to custom to Jerusalem,
43 Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofo no nnim.
and had finished their visit; but, when they started to return, the boy Jesus remained behind in Jerusalem, without their knowing it.
44 Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn.
Thinking that he was with their fellow travelers, they went one day’s journey before searching for him among their relatives and acquaintances;
45 Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.
and then, as they did not find him, they returned to Jerusalem, searching everywhere for him.
46 Ne nnansa akyi no, wokohuu no wɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.
It was not until the third day that they found him in the Temple Courts, sitting among the teachers, now listening to them, now asking them questions.
47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa.
All who listened to him marveled at his intelligence and his answers.
48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”
His parents were amazed when they saw him, and his mother said to him, “My child, why have you treated us like this? Your father and I have been searching for you in great distress.”
49 Yesu buaa wɔn se, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?”
“What made you search for me?” he answered. “Didn’t you know that I must be in my Father’s house?”
50 Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase.
His parents did not understand what he meant.
51 Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim.
However he went down with them to Nazareth, and submitted himself to their control; and his mother treasured all that was said in her heart.
52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.
And Jesus grew in wisdom as he grew in years, and gained the blessing of God and people.

< Luka 2 >