< Luka 18 >

1 Da bi, Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw.
And he spoke also a parable to them, that we ought always to pray, and not to faint,
2 Yesu kae se, “Otemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara.
Saying: There was a judge in a certain city, who feared not God, nor regarded man.
3 Na ɔbea kunafo bi te saa kurow no mu a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ otemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no se onni nʼasɛm no mma no.
And there was a certain widow in that city, and she came to him, saying: Avenge me of my adversary.
4 “Mfiase no, otemmufo no ammua no. Nanso akyiri no ɔkae se, ‘Ɛwɔ mu sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de,
And he would not for a long time. But afterwards he said within himself: Although I fear not God, nor regard man,
5 nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’”
Yet because this widow is troublesome to me, I will avenge her, lest continually coming she weary me.
6 Awurade toaa so se, “Moate asɛm a otemmufo yi a ɔnteɛ no kae.
And the Lord said: Hear what the unjust judge saith.
7 Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa?
And will not God revenge his elect who cry to him day and night: and will he have patience in their regard?
8 Merema moate ase sɛ ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa dodow ahe na obehu sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?”
I say to you, that he will quickly revenge them. But yet the Son of man, when he cometh, shall he find, think you, faith on earth?
9 Yesu san buu bɛ bi faa nnipa a wobu wɔn ho sɛ atreneefo na ɛno nti wobu afoforo animtiaa no ho se,
And to some who trusted in themselves as just, and despised others, he spoke also this parable:
10 “Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpae. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a obu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ towgyeni.
Two men went up into the temple to pray: the one a Pharisee, and the other a publican.
11 Farisini yi kogyinaa faako a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a wɔaka no; apoobɔfo nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi.
The Pharisee standing, prayed thus with himself: O God, I give thee thanks that I am not as the rest of men, extortioners, unjust, adulterers, as also is this publican.
12 Nnaawɔtwe biara midi mmuada mprenu na nea minya biara nso, miyi mu nkyemu du mu baako de ma.’
I fast twice in a week: I give tithes of all that I possess.
13 “Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’
And the publican, standing afar off, would not so much as lift up his eyes towards heaven; but struck his breast, saying: O god, be merciful to me a sinner.
14 “Mereka akyerɛ mo se, nea towgyeni no yɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani sen nea Farisini no yɛe no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
I say to you, this man went down into his house justified rather that the other: because every one that exalteth himself, shall be humbled: and he that humbleth himself, shall be exalted.
15 Da bi, awofo bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu se ɔmfa ne nsa nka wɔn nhyira wɔn. Asuafo no huu awofo no, wɔkaa wɔn anim.
And they brought unto him also infants, that he might touch them. Which when the disciples saw, they rebuked them.
16 Yesu frɛɛ mmofra no awofo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma mmofra nketewa no mmra me nkyɛn na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.
But Jesus, calling them together, said: Suffer children to come to me, and forbid them not: for of such is the kingdom of God.
17 Mereka akyerɛ mo se obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.”
Amen, I say to you: Whosoever shall not receive the kingdom of God as a child, shall not enter into it.
18 Da bi, Yudani sikani bi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” (aiōnios g166)
And a certain ruler asked him, saying: Good master, what shall I do to possess everlasting life? (aiōnios g166)
19 Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.
And Jesus said to him: Why dost thou call me good? None is good but God alone.
20 Wunim Mose mmara no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’”
Thou knowest the commandments: Thou shalt not kill: Thou shalt not commit adultery: Thou shalt not steal: Thou shalt not bear false witness: Honour thy father and mother.
21 Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu se, “Madi saa mmara yi nyinaa so fi me mmofraase.”
Who said: All these things have I kept from my youth.
22 Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei bra bedi mʼakyi.”
Which when Jesus had heard, he said to him: Yet one thing is wanting to thee: sell all whatever thou hast, and give to the poor, and thou shalt have treasure in heaven: and come, follow me.
23 Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa efisɛ na ɔwɔ ahode pii.
He having heard these things, became sorrowful; for he was very rich.
24 Yesu huu sɛ ne werɛ ahow no, ɔkae se, “Ɛyɛ den ma ahonyafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu!
And Jesus seeing him become sorrowful, said: How hardly shall they that have riches enter into the kingdom of God.
25 Mereka akyerɛ mo se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”
For it is easier for a camel to pass through the eye of a needle, than for a rich man to enter into the kingdom of God.
26 Na wɔn a wɔtee nea Yesu kae no bisae se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?”
And they that heard it, said: Who then can be saved?
27 Yesu buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”
He said to them: The things that are impossible with men, are possible with God.
28 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi wʼakyi.”
Then Peter said: Behold, we have left all things, and have followed thee.
29 Yesu buaa Petro se, “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa nʼawofo anaa ne mma
Who said to them: Amen, I say to you, there is no man that hath left house, or parents, or brethren, or wife, or children, for the kingdom of God’s sake,
30 na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.” (aiōn g165, aiōnios g166)
Who shall not receive much more in this present time, and in the world to come life everlasting. (aiōn g165, aiōnios g166)
31 Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a adiyifo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu.
Then Jesus took unto him the twelve, and said to them: Behold, we go up to Jerusalem, and all things shall be accomplished which were written by the prophets concerning the Son of man.
32 Wobeyi no ama amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasu agu ne so,
For he shall be delivered to the Gentiles, and shall be mocked, and scourged, and spit upon:
33 aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.”
And after they have scourged him, they will put him to death; and the third day he shall rise again.
34 Asuafo no ante nea Yesu kaa no biara ase, efisɛ na asɛm no boro wɔn adwene so.
And they understood none of these things, and this word was hid from them, and they understood not the things that were said.
35 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade.
Now it came to pass, when he drew nigh to Jericho, that a certain blind man sat by the way side, begging.
36 Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwa mu no, obisaa asɛm a asi.
And when he heard the multitude passing by, he asked what this meant.
37 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!”
And they told him, that Jesus of Nazareth was passing by.
38 Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”
And he cried out, saying: Jesus, son of David, have mercy on me.
39 Wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no se ommua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu denneennen se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”
And they that went before, rebuked him, that he should hold his peace: but he cried out much more: Son of David, have mercy on me.
40 Yesu duu faako a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se,
And Jesus standing, commanded him to be brought unto him. And when he was come near, he asked him,
41 “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no buae se, “Awurade, ma minhu ade.”
Saying: What wilt thou that I do to thee? But he said: Lord, that I may see.
42 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”
And Jesus said to him: Receive thy sight: thy faith hath made thee whole.
43 Amono mu hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.
And immediately he saw, and followed him, glorifying God. And all the people, when they saw it, gave praise to God.

< Luka 18 >