< Luka 17 >

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue. 2 Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua. 3 Enti monhwɛ mo ho so yiye. “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. 4 Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a fa kyɛ no.” 5 Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, to yɛn gyidi so.” 6 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa. 7 “Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafuw mu adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’ 8 Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’ 9 Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a ne wura no bɛda no ase ana? 10 Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn; yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’” 11 Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so. 12 Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no 13 teɛteɛɛ mu se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!” 14 Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!” Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den. 15 Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” 16 Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani. 17 Yesu bisae se, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? 18 Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?” 19 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.” 20 Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no nnam nsɛnkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba, 21 obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa hɔ!’ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no te mo mu.” 22 Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me. 23 Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se Onipa Ba no wɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi. 24 Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ. 25 Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me. 26 “Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a ɛbɛyɛ ne no. 27 Saa bere no, nnipa didi nomee, wareware kosii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa. 28 “Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan, 29 kosii sɛ Lot fii Sodom, na ogya ne sufre fii soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa. 30 “Saa ara nso na da a mɛsan aba no bɛyɛ. 31 Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesa nʼahode. 32 Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. 33 Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no benya. 34 Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako. 35 Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako. 36 Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuw mu no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.” 37 Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Baabi a funu wɔ no, apete mpa hɔ!”

< Luka 17 >