< Luka 17 >

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue.
Then he said to his disciples: It is impossible that causes of offense should not come; but alas for him by whom they come!
2 Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua.
It would be better for him that a millstone were hung about his neck, and he were thrown into the sea, than that he should cause one of these little ones to sin.
3 Enti monhwɛ mo ho so yiye. “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no.
Take heed to yourselves; if your brother sin against you, rebuke him; and if he repent, forgive him.
4 Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a fa kyɛ no.”
And if he sin against you seven times in a day, and seven times in a day turn again to you and say, I repent, you shall forgive him.
5 Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, to yɛn gyidi so.”
And the apostles said to the Lord: Increase our faith.
6 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa.
And the Lord said: If you had faith like a grain of mustard, you might say to this sycamine-tree, Be uprooted, and be planted in the sea, and it should obey you.
7 “Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafuw mu adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’
Which of you that has a servant plowing, or feeding a flock, will say to him immediately, when he comes in from the field, Go and recline at table?
8 Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’
But will he not say to him, Make ready my supper, and gird yourself, and serve me, till I have eaten and drunk; and afterward, you shall eat and drink?
9 Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a ne wura no bɛda no ase ana?
Does he thank that servant, because he did what was commanded? I think not.
10 Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn; yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’”
So also you, when you shall have done all things that you arc commanded to do, say, We are unprofitable servants; for we have done what was our duty to do.
11 Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so.
And it came to pass, as he was journeying to Jerusalem, that he passed through the midst of Samaria and Galilee.
12 Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no
And as he entered a certain village, there met him ten men that were lepers, who stood at a distance.
13 teɛteɛɛ mu se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!”
And they lifted up their voice, saying: Jesus, Master, have mercy on us.
14 Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!” Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
And when he saw them, he said to them: Go, show yourselves to the priests. And it came to pass, that, as they went, they were made clean.
15 Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!”
But, one of them, seeing that he was restored to health, turned back, and, with a loud voice, glorified God.
16 Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
And he fell on his face at his feet, and gave him thanks; and he was a Samaritan.
17 Yesu bisae se, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he?
And Jesus answered and said: Were not the ten cleansed? but where are the nine?
18 Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?”
Were there none found to return and give glory to God, but this one of another race?
19 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”
And he said to him: Arise, and go; your faith has saved you.
20 Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no nnam nsɛnkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba,
And being asked by the Pharisees, when the kingdom of God should come, he answered them and said: The kingdom of God comes not so as to attract attention;
21 obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa hɔ!’ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no te mo mu.”
nor shall it be said, Lo here! or Lo there! for, behold, the kingdom of God is among you.
22 Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me.
And he said to his disciples: The days will come, when you will desire to see one of the days of the Son of man, and shall not see it.
23 Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se Onipa Ba no wɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi.
And they shall say to you, Lo here! or Lo there! go not after them, nor follow them.
24 Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.
For as the lightning that flashes out of one part under heaven, shines to another part under heaven, so shall the Son of man be in his day.
25 Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me.
But first he must suffer many things, and be rejected by this generation.
26 “Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a ɛbɛyɛ ne no.
And as it was in the days of Noah, so shall it be also in the days of the Son of man.
27 Saa bere no, nnipa didi nomee, wareware kosii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa.
They ate, they drank, they married, they were given in marriage, till the day in which Noah entered the ark, and the flood came and destroyed them all.
28 “Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan,
In like manner also, as it was in the days of Lot: they ate, they drank, they bought, they sold, they planted, they builded;
29 kosii sɛ Lot fii Sodom, na ogya ne sufre fii soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa.
but in the day in which Lot went out of Sodom, it rained fire and brimstone from heaven, and destroyed them all.
30 “Saa ara nso na da a mɛsan aba no bɛyɛ.
Even thus shall it be in the day in which the Son of man is revealed.
31 Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesa nʼahode.
In that day, let not him that is on the house-top, and whose goods are in the house, come down to take them away. Likewise, he that is in the field, let him not turn back.
32 Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere.
Remember Lot’s wife.
33 Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no benya.
Whoever will seek to save his life, shall lose it; and whoever will lose his life, shall save it.
34 Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako.
I say to you, on that night two men shall be in one bed; the one shall be taken, and the other left.
35 Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako.
Two women shall be grinding together; the one shall be taken, and the other left.
36 Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuw mu no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.”
Two men shall be in the field; the one shall be taken, and the other left.
37 Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Baabi a funu wɔ no, apete mpa hɔ!”
And they answered and said to him. Where, Lord? And he said to them: Where the body is, there will the vultures be gathered.

< Luka 17 >