< Luka 15 >

1 Da bi, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii baa Yesu nkyɛn betiee no. 2 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfo, san ne wɔn to nsa didi.” 3 Saa asɛm a wɔkaa no ma obuu wɔn bɛ bi se, 4 “Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no? 5 Na sɛ ohu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigye de no aba. 6 Na sɛ odu fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa aka akyerɛ wɔn se, ‘Momma yennye yɛn ani, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.’ 7 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, ɔsorofo nyinaa ani gye sen sɛ atreneefo aduɔkron akron wɔ hɔ a adwensakra ho nhia wɔn no. 8 “Anaasɛ ɔbea bɛn na sɛ ne sika mpɔw du mu baako yera a, ɔrensɔ kanea mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kosi sɛ obehu. 9 Na sɛ ohu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa nka nkyerɛ wɔn se, ‘Momma yɛn ani nnye, efisɛ mahu me sika mpɔw a ɛyerae no.’ 10 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, Onyankopɔn abɔfo ani gye ara ne no.” 11 Yesu san buu wɔn ɔyera ho bɛ bi se, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmabarima baanu. 12 Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no. 13 “Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra hweree nʼahode nyinaa. 14 Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15 Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdan kuroni bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16 Ɔwɔ hɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a mprako no di no bi mpo adi, nanso wannya. 17 “Nʼani baa ne ho so no, ɔkae se, ‘Apaafo a wɔwɔ mʼagya fi didi mee, ma bi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi! 18 Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka akyerɛ no se, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19 na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafo no mu baako.’ 20 Osii mu sɛ ɔresan aba nʼagya nkyɛn. “Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no huu no, enti ɔde ayamhyehye yɛɛ ntɛm kohyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu. 21 “Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 22 “Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23 Afei munkokum nantwi ba a wadɔ srade no mfa nyɛ aduan, na yennidi, nnom, nnye yɛn ani, 24 efisɛ na misusuw sɛ me ba yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ Wofii ase gyee wɔn ani. 25 “Ne ba panyin a na ofi afum reba no duu afikyiri no, ɔtee nnwonto ne ahurusidi wɔ fie hɔ. 26 Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfo no mu baako bisaa no nea ɛrekɔ so wɔ fie hɔ. 27 Ɔsomfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Wo nua no asan aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’ 28 “Ɔtee saa no, ne bo fuwii, enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ fie hɔ. Nʼagya tee no, ofii adi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no. 29 Ne ba no de awerɛhow buaa no se, ‘Agya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da sɛ minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwi no bae yi de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’ 31 “Nʼagya buaa no se, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea. 32 Ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani, efisɛ na misusuw sɛ wo nua yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’”

< Luka 15 >