< Luka 11 >

1 Da bi, na Yesu rebɔ mpae wɔ baabi. Owiei no, nʼasuafo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ sɛnea Yohane kyerɛɛ nʼasuafo mpaebɔ no.”
It happened he was praying in a certain place, and when he stopped, one of his disciples said to him, "Master, teach us how to pray, just as Johntaught his disciples."
2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ morebɔ mpae a, monka se, “‘Agya, wo din ho ntew, wʼahenni mmra.
So he said to them. "When you pray, say, "Father, hallowed be thy name; May thy kingdom come,
3 Ma yɛn yɛn ano aduan daa.
"Give us day by day our bread for the coming day;
4 Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛnea yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.’”
"Forgive us our sins; for we also forgive everyone who has offended us; "And bring us not into temptation."
5 Yesu bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ ɔdasu mu akɔka akyerɛ no se, ‘Me nua, fɛm me aduan kakra,
He also said to them. "Suppose you have a friend and you go to him, ‘My friend, lend me three loaves of bread,
6 efisɛ ɔhɔho bi abefu me mu, na minni aduan biara a mede bɛma no,’
"for a friend of mine is come to me from a journey, and I have nothing to set before him.’
7 na ɔbɛma no mmuae afi ne dan mu se, ‘Nhaw me! Mato me pon mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’
"and he from indoors shall answer. ‘Do not pester me. The door is now closed, and my children are with me in bed. I cannot rise and give to you.’
8 Mereka akyerɛ mo se, na ade asa no nti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a ɔrensɔre. Nanso esiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no nti ɛbɛma wasɔre ama no nea ehia no no nyinaa.
"I tell you that, though he will not rise and give to him because he is his friend, yet because of his importunate persistence he will rise and give him whatever he needs.
9 “Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo.
"So I say to you. "Ask, and it shall be given to you; seek, and ye shall find; knock and it shall be opened to you.
10 Na obiara a obisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
"For he that asks receives, and he who seeks finds, and to him who knocks the door shall be opened.
11 “Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo,
"What father is there among you who, if his son asks for a loaf, will give him a stone? Or if he asks for a fish will give him instead a serpent?
12 anaasɛ obisa no apataa a ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ obisa nkesua a ɔbɛma no akekantwɛre?
"Or if he asks for an egg, will offer him a scorpion?
13 Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?”
"If you give good gifts to your children, how much more shall the Father who is in heaven give the Holy spirit to those that ask him!"
14 Bere bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mum fii onipa bi mu. Honhommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasa ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiriw.
Once he was casting out a dumb demon, and when the demon was gone out, the dumb man spoke, and the people wondered.
15 Nanso ebinom kae se, “Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul tumi so na etu ahonhommɔne.”
But some of them said, "It is by Beelzebub, the prince of demons, that he cast out demons."
16 Afoforo nso pɛe sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn.
Others, tempting him, kept seeking from him a sign from heaven.
17 Nanso ohuu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Kurow biara a emu akyekyɛ no dan amamfo. Saa ara nso na ofi biara a emu kyekyɛ no gu.
He knew their intentions and said to them. "Every kingdom divided against itself is laid waste and house falls upon house.
18 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahenni begyina? Nea enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, muse menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne.
"And if Satan also is divided against himself, how shall his kingdom stand?
19 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn.
"Do you say that I am casting out demons by the power of Beelzebub? If I then am casting out demons by Beelzebub, by whom are your sons casting them out? They therefore shall be your judges.
20 Nanso sɛ menam Onyankopɔn tumi so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no aba mo so.
"But if it is by the finger of God that I am casting out demons, then the kingdom of God is come upon you.
21 “Sɛ ɔhoɔdenfo de akode wɛn ne fi a, obiara rentumi nkowia nʼagyapade;
"When the strong man fully aroused keeps guard over his homestead, his property is undisturbed;
22 nanso sɛ nea ne ho yɛ den na ɔwɔ akode pa sen no kɔ ne so a, odi ne so nkonim, gye nʼakode a ɔde ne ho too so no, sesaw nʼagyapade no nyinaa kɔ.
"but when the stronger man attacks him, he takes away from the strong armor in which he was trusting and divides up the spoil.
23 “Obiara a onni mʼafa no tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.
"He who is not for me is against me, and he who is not gathering with me is scattering.
24 “Sɛ wotu honhommɔne fi onipa bi mu a, ekyinkyin hwehwɛ homebea, nanso ennya bi. Na sɛ wannya homebea a ɔka se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’
"Whenever a foul spirit is gone out of a man, it roams through waterless places, in search of rest; but when it can find none, it says, ‘I will go back to the house which I have left.’
25 Na sɛ ɔsan kɔ onipa no mu a, obehu sɛ ɛhɔ tew a efi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.
When it comes and finds the house completely swept and garnished.
26 Afei, ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Eyi ma onipa no sɛe koraa sen sɛnea anka na ɔte kan no.”
"Then it goes off and fetches seven other spirits more wicked than itself, and they go in and live there. And the last state of that man is worse than the first."
27 Yesu gu so rekasa no, ɔbea bi fi nnipadɔm no mu kae se, “Nhyira nka ɔyafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunum ano no!”
It happened while he was saying this, that a certain woman out of the crowd shouted to him, saying, "Blessed is the womb that bore you, and the breast that you have sucked."
28 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu de, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so.”
"No, rather," he answered, "blessed are those who listen to the word of God, and keep it."
29 Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ mma yi yɛ nnebɔneyɛfo. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no.
When the crowd were beginning to throng about him he proceeded to say. "This is an evil generation! It seeks a sign, and there shall be no sign be given to it except the sign of Jonah;
30 Na sɛnea Yona si yɛɛ nsɛnkyerɛnne maa Ninewefo no, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama nnɛ mma yi.
"for as Jonah became a sign to the Ninevites, so shall the Son of man be to this generation.
31 Atemmuda no, Sebahemmea ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.
"The queen of the South shall rise up in Judgement with the men of this generation, and shall condemn them; because she came from the ends of the earth to listen to the wisdom of Solomon, and lo, one greater than Solomon is here!
32 Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.
"The men of the Nineveh shall stand up in the judgment with his generation and shall condemn it, for they repented at the preaching of Jonah, and lo! one greater than Jonah is here!
33 “Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa.
"When one lights a lamp he does not put it in a cellar nor under the bushel, but on a lamp-stand that those who enter may see the light.
34 Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso sɛ enye a, ɛma wo nipadua no dan sum tumm.
"The lamp of the body is your eye; when your eye is single then your whole body is full of light; but when it is evil your whole body is full of darkness.
35 Enti hwɛ yiye na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum.
"Look carefully! Perhaps that very light of yours is darkness.
36 Sɛ wo nipadua yɛ hann a sum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛnea kanea hyerɛn gu wo so no.”
"If, however, your whole body is full of light, without having any part dark, it will be wholly radiant with light, as when the lamp illumines you with its bright rays."
37 Yesu kasa wiee no, Farisini bi hyiaa no adidi enti ɔkɔe se ɔne no rekodidi.
When he had finished speaking a Pharisee asked him to dine with him; so he went in with him and reclined.
38 Farisini no huu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛnea wɔn amanne kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwonwa.
And the Pharisee noticed, to his amazement, that he did not wash his hands before eating,
39 Yesu huu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no se, “Mo Farisifo de, mohohoro nkuku nsanka ne mprɛte ho, nanso fi, anibere ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ!
but the Lord said to him. "You Pharisee do cleanse the outside of your cup or plate, but your secret heart is full of extortion and wickedness.
40 Adwenharefo! Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyi no ara na ɔyɛɛ mu nso?
"Foolish men! Did not He who made the outside make the inside also?
41 Monyɛ ahiafo adɔe na biribiara ho bɛtew ama mo.
"Better cleanse what is within, and nothing will be unclean for you.
42 “Mo Farisifo, munnue! Moma mo nnɔbae so ntotoso du du, nanso mototo adetreneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ bagua mu a mopɛ sɛ nnipa hu mo kyia mo.
"But woe unto you Pharisee! for you tithe mint and rue and every herb, and disregard justice and the love of God; but these you ought to have done, and not leave the other undone.
43 “Mo Farisifo, munnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ.
"Woe unto you Pharisee! for you delight in the best seats in the synagogue, and in the salutation in the market-places.
44 “Munnue! Efisɛ mote sɛ nna a ɛso asram na nnipa nantew so a wonnim sɛ wɔnam nna so.”
"Woe unto you! for you are like the tombs which are hidden, and men walk over them unsuspecting."
45 Mmaranimfo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”
Hereupon one of the lawyers exclaimed, "But teacher, in saying such things you are also reproaching us also."
46 Yesu buaa no se, “Mo mmaranimfo nso munnue! Mohyɛ nnipa ma wodi mmara a ɛyɛ den so pɛpɛɛpɛ, nanso mo de, munni so sɛ sɛnea ɛsɛ.
"Woe unto you lawyers also!" said Jesus, "for you load men with irksome burdens, and you yourselves will not touch the burdens with one of your fingers.
47 “Munnue! Efisɛ, moatoto adiyifo a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no nna so.
"Woe to you! for you are building the tombs of the prophets whom you ancestors killed.
48 Mo nneyɛe yi di adanse sɛ mopene nea mo agyanom yɛe no so. Ne nkyerɛase ne sɛ mo agyanom kunkum adiyifo no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn.
"So you are witnesses, and you consent to the actions of your ancestors. for they killed them, and you build their tombs.
49 Eyi ne nea Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifo ne asomafo aba mo nkyɛn na mubekunkum bi na moataa wɔn a aka no.’
"For this reason also said the Wisdom of God. ‘I will send them prophets and apostles; some of them they will kill and some they will persecute;
50 Mereka akyerɛ mo se, adiyifo no mogya a wɔka gu fii wiase mfiase no,
"so that the blood of all the prophets which was shed from the foundation of the world may be required from this generation,
51 efi Habel kum so kosi Sakaria, a wokum no wɔ afɔremuka ne kronkronbea ntam hɔ no so, wobebisa ɛho asɛm afi mo nkyɛn.
"from the blood of Abel to the blood of Zachariah, who perished between the alter and the sanctuary; yes; I tell you, it shall be required of this generation!
52 “Mo, mmaranimfo, munnue! Mode nokware hintaw mo nkurɔfo. Mo ankasa munni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wodi so no kwan mma wonni so.”
"Woe to you lawyers, for you have taken away the key of knowledge!’ You yourselves have not entered, and you have hindered those who are trying to enter."
53 Ofi Farisini no fi hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfo ne Farisifo no dii nʼakyi de nsɛmmisa guan ne ho,
After he had gone away, the Scribes and the Pharisee began to set themselves vehemently against him, and to cross-question him upon many points,
54 pɛɛ sɛ ɔka biribi a wobegyina so anya no akyere no.
laying in wait for him, in order to catch a word from his lips.

< Luka 11 >