< Atemmufo 19 >

1 Saa bere no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ofi Lewi abusuakuw mu te Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi. Da bi, ɔde ɔbea bi fi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena.
當以色列中沒有王的時候,有住以法蓮山地那邊的一個利未人,娶了一個猶大伯利恆的女子為妾。
2 Nanso ɔbea no anni no nokware enti ɔsan kɔɔ nʼagya fi wɔ Betlehem. Asram anan akyi no,
妾行淫離開丈夫,回猶大的伯利恆,到了父家,在那裏住了四個月。
3 ne kunu no faa ɔsomfo ne afurum foforo kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔdɛfɛdɛfɛ no na wasan nʼakyi aba. Oduu ɔbea no agya fi no, ɔde no kɔɔ ofi no mu maa nʼagya no gyee no fɛw so.
她丈夫起來,帶着一個僕人、兩匹驢去見她,用好話勸她回來。女子就引丈夫進入父家。她父見了那人,便歡歡喜喜地迎接。
4 Ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se ɔntena nkyɛ kakra. Enti odii nnansa, didi, nom, daa hɔ.
那人的岳父,就是女子的父親,將那人留下住了三天。於是二人一同吃喝、住宿。
5 Ne nnannan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Didi ansa na woakɔ.”
到第四天,利未人清早起來要走,女子的父親對女婿說:「請你吃點飯,加添心力,然後可以行路。」
6 Enti wɔn baanu no tenaa ase didi, nomee. Afei, ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.”
於是二人坐下一同吃喝。女子的父親對那人說:「請你再住一夜,暢快你的心。」
7 Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti ɔpenee so daa hɔ anadwo no.
那人起來要走,他岳父強留他,他又住了一宿。
8 Nnaanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso bio, ɔbea no agya kae se, “Didi ansa, na awia mu kakra no wubetumi akɔ.” Enti wɔsan didii bio.
到第五天,他清早起來要走,女子的父親說:「請你吃點飯,加添心力,等到日頭偏西再走。」於是二人一同吃飯。
9 Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne somfo boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso nʼase no ka kyerɛɛ no se, “Muntie! Ade reyɛ asa. Montena na munnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mubetumi asi mu anɔpahema.”
那人同他的妾和僕人起來要走,他岳父,就是女子的父親,對他說:「看哪,日頭偏西了,請你再住一夜;天快晚了,可以在這裏住宿,暢快你的心。明天早早起行回家去。」
10 Nanso afei de, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem).
那人不願再住一夜,就備上那兩匹驢,帶着妾起身走了,來到耶布斯的對面(耶布斯就是耶路撒冷。)
11 Bere a woduu Yebus no na ade reyɛ asa, na ɔsomfo no ka kyerɛɛ ne wura no se, “Ade reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifo kuropɔn yi mu anadwo yi.”
臨近耶布斯的時候,日頭快要落了,僕人對主人說:「我們不如進這耶布斯人的城裏住宿。」
12 Ne wura no buae se, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafo kuropɔn a Israelfo nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea.
主人回答說:「我們不可進不是以色列人住的外邦城,不如過到基比亞去」;
13 Yebenya nnabea anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.”
又對僕人說:「我們可以到一個地方,或住在基比亞,或住在拉瑪。」
14 Enti wɔtoaa so. Wɔrebedu kurow Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ.
他們就往前走。將到便雅憫的基比亞,日頭已經落了;
15 Ɛhɔ na wɔdaa anadwo no. Wɔdaa kurow no abɔnten kɛse so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔho.
他們進入基比亞要在那裏住宿,就坐在城裏的街上,因為無人接他們進家住宿。
16 Anwummere no, akwakoraa bi fii nʼafum baa fie. Na ofi Efraim bepɔw asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so.
晚上,有一個老年人從田間做工回來。他原是以法蓮山地的人,住在基比亞;那地方的人卻是便雅憫人。
17 Bere a ohuu akwantufo yi sɛ wɔtete kurow no abɔnten kɛse so no, obisaa wɔn faako a wofi ne nea wɔrekɔ.
老年人舉目看見客人坐在城裏的街上,就問他說:「你從哪裏來?要往哪裏去?」
18 Ɔbarima no buaa no se, “Yefi Betlehem a ɛwɔ Yuda na yɛrekɔ Efraim bepɔw asase no so; kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ Awurade Hyiadan. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fi ankɔma yɛn nnabea,
他回答說:「我們從猶大的伯利恆來,要往以法蓮山地那邊去。我原是那裏的人,到過猶大的伯利恆,現在我往耶和華的殿去,在這裏無人接我進他的家。
19 ɛwɔ mu sɛ yɛwɔ nea ehia yɛn biara. Yɛwɔ sare ne aduan a yɛde bɛma yɛn mfurum; yenhia hwee.”
其實我有糧草可以餵驢,我與我的妾,並我的僕人,有餅有酒,並不缺少甚麼。」
20 Akwakoraa no kae se, “Mommra me fi. Mɛma mo biribiara a ebehia mo. Na anadwo yi de, ɛnsɛ sɛ moda abɔnten kɛse so ha.”
老年人說:「願你平安!你所需用的我都給你,只是不可在街上過夜。」
21 Enti ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fi, na ɔmaa wɔn mfurum no aduan. Wɔhohoroo wɔn nan ase wiei no, wɔbɔɔ mu didii.
於是領他們到家裏,餵上驢,他們就洗腳吃喝。
22 Bere a wɔregye wɔn ani no, kurow no mu nnipa bɔnefo bi betwaa ofi no ho hyiae. Wofii ase pempem ɔpon no teɛteɛɛ mu guu akwakoraa no so se, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛnea yebetumi ne no ada.”
他們心裏正歡暢的時候,城中的匪徒圍住房子,連連叩門,對房主老人說:「你把那進你家的人帶出來,我們要與他交合。」
23 Akwakoraa no fi ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn se, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔho na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguase.
那房主出來對他們說:「弟兄們哪,不要這樣作惡;這人既然進了我的家,你們就不要行這醜事。
24 Me babea ɔbabun ne ɔbarima yi mpena ni. Mede wɔn bɛma mo. Na nea mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasede yi.”
我有個女兒,還是處女,並有這人的妾,我將她們領出來任憑你們玷辱她們,只是向這人不可行這樣的醜事。」
25 Nanso wɔantie no. Enti Lewini no faa ne mpena no piaa no fii adi. Na kurow no mu mmarima no faa no nnidiso nnidiso kosii adekyee. Ahemadakye no na wogyaw no ma ɔkɔe.
那些人卻不聽從他的話。那人就把他的妾拉出去交給他們,他們便與她交合,終夜凌辱她,直到天色快亮才放她去。
26 Ɔbea no koduu ofi a ne kunu no te mu no pon ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kosii sɛ anim tetewee.
天快亮的時候,婦人回到她主人住宿的房門前,就仆倒在地,直到天亮。
27 Bere a ne kunu buee ɔpon no sɛ ɔrepue pɛ na ohuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butuw hɔ a ne nsa gu apongua no so.
早晨,她的主人起來開了房門,出去要行路,不料那婦人仆倒在房門前,兩手搭在門檻上;
28 Ohuu no no, ɔkae se, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso wammua. Enti ɔde no too nʼafurum no so de no kɔɔ fie.
就對婦人說:「起來,我們走吧!」婦人卻不回答。那人便將她馱在驢上,起身回本處去了。
29 Oduu fie no, ɔtwee afoa de twitwaa ne mpena no mu asinasin dumien. Na ɔde sin baako biara kɔɔ Israel mmusuakuw dumien no mu.
到了家裏,用刀將妾的屍身切成十二塊,使人拿着傳送以色列的四境。
30 Na obiara a ohuu saa aninyanne yi kae se, “Efi bere a Israel fii Misraim no, obi nnii saa amumɔyɛsɛm yi bi da. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?”
凡看見的人都說:「從以色列人出埃及地,直到今日,這樣的事沒有行過,也沒有見過。現在應當思想,大家商議當怎樣辦理。」

< Atemmufo 19 >