< Yosua 20 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se,
The LORD spoke to Joshua, saying,
2 “Afei, ka kyerɛ Israelfo no na wonyiyi guankɔbea nkuropɔn no sɛnea mehyɛɛ Mose no.
"Speak to the children of Israel, saying, 'Assign the cities of refuge, of which I spoke to you by Moses,
3 Obiara a wanhyɛ da na obekum obi no tumi guan kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho aguaa, sɛnea owufo no abusuafo no rentumi ntɔ okum no so were.
that the manslayer who kills any person accidentally or unintentionally may flee there. They shall be for you a refuge from the avenger of blood.
4 Sɛ onipa a wanhyɛ da na okum obi no du kuropɔn no bi so a, onkohu kuropɔn no mu mpanyimfo wɔ kuropɔn no pon ano na ɔnkyerɛ wɔn nea esii. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma owura kuropɔn no mu, na wɔne no tena.
He shall flee to one of those cities, and shall stand at the entrance of the gate of the city, and declare his cause in the ears of the elders of that city. They shall take him into the city with them, and give him a place, that he may live among them.
5 Sɛ owufo no abusuafo ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no yi okumfo no ma, efisɛ ɛyɛ esiane.
If the avenger of blood pursue after him, then they shall not deliver up the manslayer into his hand; because he struck his neighbor unintentionally, and did not hate him before.
6 Nanso ɛsɛ sɛ okumfo no tena kuropɔn no mu na ɔmanfo di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ owudifo no kɔ so tena kurow no mu, efisɛ owu no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ hɔ saa bere no a asɛm no sii no bewu. Ɛno akyi, okumfo no wɔ ho kwan sɛ ɔsan kɔ ne kurom.”
He shall dwell in that city until he stands before the congregation for judgment, until the death of the high priest that shall be in those days. Then the manslayer shall return, and come to his own city, and to his own house, to the city he fled from.'"
7 Nkuropɔn a edidi so yi na woyiyi yɛɛ hɔ guankɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔw asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so.
They set apart Kedesh in Galilee in the hill country of Naphtali, Shechem in the hill country of Ephraim, and Kiriath Arba (that is, Hebron) in the hill country of Judah.
8 Na Asubɔnten Yordan apuei fam nso a etwa mu fi Yeriko no, saa nkuropɔn a edidi so yi na woyiyii sɛ guankɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ sare pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuw de no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuw asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuw no asase.
Beyond the Jordan at Jericho eastward, they assigned Bezer on the wilderness plateau out of the tribe of Reuben, Ramoth in Gilead out of the tribe of Gad, and Golan in Bashan out of the tribe of Manasseh.
9 Eyinom ne nkuropɔn a woyiyi maa Israelfo ne ahɔho a wɔne wɔn te no. Obiara a wamfi ɔboayɛ mu ankum ɔfoforo no, otumi kɔhwehwɛ guankɔbea wɔ saa nkuropɔn yi biara so. Sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so a wɔn a wɔrehwehwɛ aweretɔ no nsa renka awudifo no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfo asennii abeyi wɔn ho ano.
These were the appointed cities for all the children of Israel, and for the stranger who sojourns among them, that whoever kills any person unintentionally might flee there, and not die by the hand of the avenger of blood, until he stands before the congregation.

< Yosua 20 >