< Yosua 12 >

1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho. 2 Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so. Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho. 3 Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase. 4 Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so. 5 Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho. 6 Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no. 7 Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, 8 a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: 9 Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El hene baako 10 Yerusalemhene baako Hebronhene baako 11 Yarmuthene baako Lakishene baako 12 Eglonhene baako Geserhene baako 13 Debirhene baako Gaderhene baako 14 Hormahene baako Aradhene baako 15 Libnahene baako Adulamhene baako 16 Makedahene baako Bet-Elhene baako 17 Tapuahene baako Heferhene baako 18 Afekhene baako Lasaronhene baako 19 Madonhene baako Hasorhene baako 20 Simronhene baako Aksafhene baako 21 Taanakhene baako Megidohene baako 22 Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene baako 23 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne baako 24 Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.

< Yosua 12 >