< Hiob 38 >

1 Afei, Awurade fi ahum mu buaa Hiob se,
ויען-יהוה את-איוב מנהסערה (מן הסערה) ויאמר
2 “Hena ne nea ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu kata me nhyehyɛe so?
מי זה מחשיך עצה במלין-- בלי-דעת
3 Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; mebisa wo nsɛm, na wubebua me.
אזר-נא כגבר חלציך ואשאלך והודיעני
4 “Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he? Sɛ wote ase, ka ɛ.
איפה היית ביסדי-ארץ הגד אם-ידעת בינה
5 Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim! Hena na ɔtwee susuhama faa ani?
מי-שם ממדיה כי תדע או מי-נטה עליה קו
6 Dɛn so na egyina, anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no,
על-מה אדניה הטבעו או מי-ירה אבן פנתה
7 bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no?
ברן-יחד כוכבי בקר ויריעו כל-בני אלהים
8 “Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi, bere a epue fii ɔyafunu mu,
ויסך בדלתים ים בגיחו מרחם יצא
9 bere a mede omununkum yɛɛ nʼadurade na mede sum kabii kyekyeree no,
בשומי ענן לבשו וערפל חתלתו
10 bere a metoo ɔhye maa no na misisii nʼapon ne nʼadaban,
ואשבר עליו חקי ואשים בריח ודלתים
11 bere a mekae se, ‘Ɛha ara na wubedu na worentra ha; ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?’
ואמר--עד-פה תבוא ולא תסיף ופא-ישית בגאון גליך
12 “So woahyɛ mmara ama adekyee da? Na woakyerɛ ahemadakye nso afa,
המימיך צוית בקר ידעתה שחר (ידעת השחר) מקמו
13 sɛ ɛnkɔka asase ano na ontu amumɔyɛfo mfi so?
לאחז בכנפות הארץ וינערו רשעים ממנה
14 Asase fa ne bɔbea sɛ dɔte a ɛhyɛ nsɔwano ase; na ɛsow tebea da wɔn ho adi te sɛ atade.
תתהפך כחמר חותם ויתיצבו כמו לבוש
15 Wɔde amumɔyɛfo hann akame wɔn, na wɔn abasa a wɔama so no mu abu.
וימנע מרשעים אורם וזרוע רמה תשבר
16 “So woapɛɛpɛɛ mu ahu nea po aniwa wɔ anaa woanantew ne bun mu pɛn?
הבאת עד-נבכי-ים ובחקר תהום התהלכת
17 So wɔde owu apon akyerɛ wo? Woahu owu sunsuma apon ana?
הנגלו לך שערי-מות ושערי צלמות תראה
18 Woate wiase a ɛda hɔ tamaa no ase ana? Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me.
התבננת עד-רחבי-ארץ הגד אם-ידעת כלה
19 “Ɔkwan bɛn na ɛkɔ hann atenae? Na ɛhe na sum te?
אי-זה הדרך ישכן-אור וחשך אי-זה מקמו
20 Wubetumi de wɔn akɔ wɔn sibea? Wunim akwan a ɛkɔ wɔn atenae?
כי תקחנו אל-גבולו וכי-תבין נתיבות ביתו
21 Ampa ara wunim, efisɛ na wɔawo wo dedaw. Woanyin yiye!
ידעת כי-אז תולד ומספר ימיך רבים
22 “Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da anaa woahu mparuwbo adekoradan
הבאת אל-אצרות שלג ואוצרות ברד תראה
23 a makora so ama ahohia bere, ɔsa ne akodi nna?
אשר-חשכתי לעת-צר ליום קרב ומלחמה
24 Ɔkwan bɛn na ɛkɔ faako a anyinam fi ba, anaa faako a apuei mframa fi na ɛbɔ fa asase so?
אי-זה הדרך יחלק אור יפץ קדים עלי-ארץ
25 Hena na otwaa ɛka maa osuhweam, ne ɔkwan maa aprannaa mmubomu,
מי-פלג לשטף תעלה ודרך לחזיז קלות
26 sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte so so, nweatam a obiara nni so,
להמטיר על-ארץ לא-איש-- מדבר לא-אדם בו
27 na ama asase kesee a ɛda mpan afɔw na sare afifi wɔ so?
להשביע שאה ומשאה ולהצמיח מצא דשא
28 Osu wɔ agya ana? Hena na ɔyɛ agya ma obosu a ɛsosɔ?
היש-למטר אב או מי-הוליד אגלי-טל
29 Hena yafunu mu na sukyerɛmma fi? Hena na ɔwoo sukyerɛmma mporoporowa fi soro
מבטן מי יצא הקרח וכפר שמים מי ילדו
30 bere a nsu kyen dan sɛ ɔbo, na bun ani kyen?
כאבן מים יתחבאו ופני תהום יתלכדו
31 “Wubetumi de hama akyekyere Akokɔbeatan ne ne mma? Wubetumi asan Nyankrɛnte hama ana?
התקשר מעדנות כימה או-משכות כסיל תפתח
32 Wubetumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne bere mu anaasɛ wubetumi ayi sisi ne ne mma afi hɔ?
התציא מזרות בעתו ועיש על-בניה תנחם
33 So wunim mmara a ɛfa ɔsoro ho? Wubetumi de Onyankopɔn ahenni aba asase so ana?
הידעת חקות שמים אם-תשים משטרו בארץ
34 “Wubetumi ama wo nne adu omununkum so na wode nsu akata wo ho ana?
התרים לעב קולך ושפעת-מים תכסך
35 Wutumi ma anyinam twa? Wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenni’ ana?
התשלח ברקים וילכו ויאמרו לך הננו
36 Hena na ɔde nyansa ma koma anaasɛ ɔde ntease hyɛ adwene mu?
מי-שת בטחות חכמה או מי-נתן לשכוי בינה
37 Hena na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum? Hena na obetumi akyea ɔsoro nsu nkotoku,
מי-יספר שחקים בחכמה ונבלי שמים מי ישכיב
38 bere a mfutuma ayɛ den ama dɔte atɔwatɔw keka bɔ mu.
בצקת עפר למוצק ורגבים ידבקו
39 “Wokɔ ahayɛ ma gyatabere ma gyata didi mee
התצוד ללביא טרף וחית כפירים תמלא
40 bere a wobutubutuw wɔn abon ano anaasɛ wɔtetɛw adɔtɔ ase?
כי-ישחו במעונות ישבו בסכה למו-ארב
41 Hena na ɔma kwaakwaadabi aduan bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn na wonni aduan nti wokyinkyin?
מי יכין לערב צידו כי-ילדו אל-אל ישועו יתעו לבלי-אכל

< Hiob 38 >