< Hiob 3 >

1 Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no.
After this Job opened his mouth, and cursed his day.
2 Ɔkae se,
Job answered:
3 “Ma da a wɔwoo me no nyera, ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’
"Let the day perish in which I was born, the night which said, 'A man is conceived.'
4 Saa da no nnuru sum; mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan; mma hann biara ntɔ ngu so.
Let that day be darkness. May God above not care about it, neither let the light shine on it.
5 Ma sum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na sum mmunkam ne hann so.
Let darkness and the shadow of death claim it for their own. Let a cloud dwell on it. Let the blackness of the day terrify it.
6 Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa; ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.
As for that night, let thick darkness seize on it. Let it not rejoice among the days of the year. Let it not come into the number of the months.
7 Saa anadwo no nyɛ obonin; mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu.
Look, let that night be barren. Let no joyful voice come in it.
8 Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no; wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.
Let them curse it who curse the day, who are ready to rouse up leviathan.
9 Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; na ɔntwɛn adekyee kwa a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,
Let the stars of its twilight be dark. Let it look for light, but have none, neither let it see the eyelids of the morning,
10 efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.
because it did not shut up the doors of my mother's womb, nor did it hide trouble from my eyes.
11 “Adɛn nti na manwu awoe hɔ, bere a mifi me na awotwaa mu no?
"Why did I not die from the womb? Why did I not give up the spirit when my mother bore me?
12 Adɛn nti na nkotodwe gyee me ne nufu sɛ minnum?
Why did the knees receive me? Or why the breast, that I should suck?
13 Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu; anka mada regye mʼahome
For now should I have lain down and been quiet. I should have slept, then I would have been at rest,
14 me ne wiase ahemfo ne fotufo, wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,
with kings and counselors of the earth, who built up waste places for themselves;
15 me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ, wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.
or with princes who had gold, who filled their houses with silver:
16 Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba, te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da?
or as a hidden untimely birth I had not been, as infants who never saw light.
17 Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ, na abrɛfo nya ahomegye.
There the wicked cease from troubling. There the weary are at rest.
18 Nneduafo nso nya wɔn ahofadi; na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.
There the prisoners are at ease together. They do not hear the voice of the taskmaster.
19 Nketewa ne akɛse wɔ hɔ, na akoa de ne ho fi ne wura nsam.
The small and the great are there. The servant is free from his master.
20 “Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann, na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,
"Why is light given to him who is in misery, life to the bitter in soul,
21 wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma, wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,
Who long for death, but it doesn't come; and dig for it more than for hidden treasures,
22 wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma na wodu ɔda mu a wodi ahurusi.
who rejoice exceedingly, and are glad, when they can find the grave?
23 Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a ne kwan ahintaw, nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?
Why is light given to a man whose way is hid, whom God has hedged in?
24 Ahomekokogu adan mʼaduan; na mʼapinisi gu te sɛ nsu.
For my sighing comes before I eat. My groanings are poured out like water.
25 Nea na misuro no aba me so; nea na ɛbɔ me hu no ato me.
For the thing which I fear comes on me, That which I am afraid of comes to me.
26 Minni ahotɔ, minni asomdwoe; minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.”
I am not at ease, neither am I quiet, neither have I rest; but trouble comes."

< Hiob 3 >