< Hiob 21 >

1 Na Hiob buae se,
Then Job answered and said:
2 Muntie me nsɛm no yiye. Momma eyi nyɛ awerɛkyekye a mode ma me.
Hear diligently my speech; and let this be your consolations.
3 Munnya ntoboase mma me bere a merekasa, na sɛ mekasa wie a, monkɔ so nni fɛw.
Suffer me, that I may speak; and after that I have spoken, mock on.
4 “Minwiinwii hyɛ onipa ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?
As for me, is my complaint to man? Or why should I not be impatient?
5 Monhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo; momfa mo nsa nkata mo ano.
Turn unto me, and be astonished, and lay your hand upon your mouth.
6 Sɛ midwen eyi ho a, mebɔ hu; na me ho popo.
Even when I remember I am affrighted, and horror hath taketh hold on my flesh.
7 Adɛn nti na amumɔyɛfo tena nkwa mu? Wonyin kyɛ na wɔkɔ so di tumi.
Wherefore do the wicked live, become old, yea, wax mighty in power?
8 Wohu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔso, wohu wɔn nenanom.
Their seed is established in their sight with them, and their offspring before their eyes.
9 Ɔhaw nni wɔn afi mu, na ehu nni hɔ; Onyankopɔn asotwe mma wɔn so.
Their houses are safe, without fear, neither is the rod of God upon them.
10 Wɔn anantwinini nnyɛ asaadwe; na wɔn anantwibere nwo a wɔmpɔn.
Their bull gendereth, and faileth not; their cow calveth, and casteth not her calf.
11 Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nguankuw; na emu mmotafowa no huruhuruw.
They send forth their little ones like a flock, and their children dance.
12 Wɔto nnwom wɔ akasae ne sanku so; na wɔde atɛntɛbɛn nnyigyei gye wɔn ani.
They sing to the timbrel and harp, and rejoice at the sound of the pipe.
13 Wodi yiye wɔn nkwanna mu na wɔkɔ ɔdae mu asomdwoe mu. (Sheol h7585)
They spend their days in prosperity, and peacefully they go down to the grave. (Sheol h7585)
14 Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Fi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yehu wʼakwan.
Yet they said unto God: 'Depart from us; for we desire not the knowledge of Thy ways.
15 Hena ne otumfo no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpae a mfaso bɛn na yebenya?’
What is the Almighty, that we should serve Him? And what profit should we have, if we pray unto Him?' —
16 Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam, enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.
Lo, their prosperity is not in their hand; the counsel of the wicked is far from me.
17 “Nanso mpɛn ahe na wodum amumɔyɛfo kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, nea Onyankopɔn fi nʼabufuw mu de ba no?
How oft is it that the lamp of the wicked is put out? that their calamity cometh upon them? that He distributeth pains in His anger?
18 Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ sare wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframaden bi apra wɔn?
That they are as stubble before the wind, and as chaff that the storm stealeth away?
19 Wɔka se, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe onipa no ankasa aso ma ohu.
'God layeth up his iniquity for his children!' — let Him recompense it unto himself, that he may know it.
20 Ma ɔno ankasa ani nhu ne sɛe; ma Otumfo abufuwhyew no nka nʼani.
Let his own eyes see his destruction, and let him drink of the wrath of the Almighty.
21 Dɛn na ɛfa wɔn ho fa wɔn abusuafo a woagyaw wɔn akyi no ho bere a asram a wɔatwa ama no aba awiei no?
For what pleasure hath he in his house after him? seeing the number of his months is determined.
22 “Obi betumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa, wɔ bere a obu atitiriw mpo atɛn?
Shall any teach God knowledge? seeing it is He that judgeth those that are high.
23 Obi wu wɔ bere a ɔwɔ ahoɔden ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no,
One dieth in his full strength, being wholly at ease and quiet;
24 na ne nipadua ayɛ frɔmfrɔm, na hon ahyɛ ne nnompe ma.
His pails are full of milk, and the marrow of his bones is moistened.
25 Ɔfoforo nso de ɔkra mu yawdi wu, a wanka asetena pa anhwɛ da.
And another dieth in bitterness of soul, and hath never tasted of good.
26 Wosie wɔn nyinaa wɔ mfutuma koro mu, ma asunson nnunu wɔn nyinaa.
They lie down alike in the dust, and the worm covereth them.
27 “Mahu mo adwene, ɔkwan a mobɛfa so afom me.
Behold, I know your thoughts, and the devices which ye wrongfully imagine against me.
28 Moka se, ‘Onipa kɛse no fi wɔ he, ntamadan a omumɔyɛfo no tenaa mu no?’
For ye say: 'Where is the house of the prince? And where is the tent wherein the wicked dwelt?'
29 So mummmisaa wɔn a wotu kwan no asɛm da? Wɔn amanneɛbɔ mu nsɛm ho nhiaa mo
Have ye not asked them that go by the way; and will ye misdeem their tokens,
30 sɛ onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da, na wogye wɔn abufuwhyew da no ana?
That the evil man is reserved to the day of calamity, that they are led forth to the day of wrath?
31 Hena na ɔde ne suban si nʼanim? Hena na otua no nea wayɛ so ka?
But who shall declare his way to his face? And who shall repay him what he hath done?
32 Wɔsoa no kɔ ɔda mu, na wɔwɛn nʼaboda.
For he is borne to the grave, and watch is kept over his tomb.
33 Obon mu dɔte yɛ no dɛ; nnipa nyinaa di nʼakyi, na dɔm a wontumi nkan wɔn di nʼanim.
The clods of the valley are sweet unto him, and all men draw after him, as there were innumerable before him.
34 “Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu bɛkyekye me werɛ? Mo mmuae nyɛ hwee sɛ atoro!”
How then comfort ye me in vain? And as for your answers, there remaineth only faithlessness?

< Hiob 21 >