< Hiob 16 >

1 Afei Hiob buae se,
Then Job answered,
2 “Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom; na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo!
"I have heard many such things. You are all miserable comforters.
3 So mo kasa tenten no remma awiei ana? Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi?
Shall vain words have an end? Or what provokes you that you answer?
4 Anka me nso metumi akasa sɛ mo, sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a, anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo na mabu mo animtiaa.
I also could speak as you do. If your soul were in my soul's place, I could join words together against you, and shake my head at you,
5 Nanso anka mɛhyɛ mo den; anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.
but I would strengthen you with my mouth. The solace of my lips would relieve you.
6 “Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase; na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.
"Though I speak, my grief is not subsided. Though I forbear, what am I eased?
7 Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ woasɛe me fi pasaa.
But now he has worn me out. You have laid waste all my company.
8 Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi; me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me.
You have shriveled me up. This is a witness against me. My leanness rises up against me. It testifies to my face.
9 Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu na ɔtwɛre ne se gu me so; nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.
He has torn me in his wrath, and persecuted me. He has gnashed on me with his teeth. My adversary sharpens his eyes on me.
10 Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw; wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaa na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.
They have gaped on me with their mouth. They have struck me on the cheek reproachfully. They gather themselves together against me.
11 Onyankopɔn de me ama abɔnefo watow me ato amumɔyɛfo nsam.
God delivers me to the ungodly, and casts me into the hands of the wicked.
12 Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me; osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ. Ɔde me asi nʼani so;
I was at ease, and he broke me apart. Yes, he has taken me by the neck, and dashed me to pieces. He has also set me up for his target.
13 nʼagyantowfo atwa me ho ahyia, ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔ maa me bɔnwoma petee fam.
His archers surround me. He splits my kidneys apart, and does not spare. He pours out my gall on the ground.
14 Ɔba me so bere biara; na ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo.
He breaks me with breach on breach. He runs on me like a giant.
15 “Mapam atweaatam akata me were so na masie mʼanintɔn wɔ mfutuma mu.
I have sewed sackcloth on my skin, and have thrust my horn in the dust.
16 Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ; sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia,
My face is red with weeping. Deep darkness is on my eyelids.
17 nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara na me mpaebɔ yɛ kann.
Although there is no violence in my hands, and my prayer is pure.
18 “Asase, nkata me mogya so; na mma me sufrɛ to ntwa da!
"Earth, do not cover my blood. Let my cry have no place to rest.
19 Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro; me kamafo wɔ soro hɔ.
Even now, look, my witness is in heaven. He who vouches for me is on high.
20 Me dimafo yɛ mʼadamfo bere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi;
My friends scoff at me. My eyes pour out tears to God,
21 ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim sɛnea obi di ma nʼadamfo no.
that he would maintain the right of a man with God, of a son of man with his neighbor.
22 “Mfe kakraa bi akyi ansa na metu kwan akɔ koransan.
For when a few years have come, I shall go the way from where I shall not return.

< Hiob 16 >