< Yeremia 49 >

1 Nea ɛfa Amonfo ho: Sɛɛ na Awurade se: “Israel nni mmabarima ana? Onni wɔn a wobedi nʼade? Ɛno de adɛn nti na Molek afa Gad ayɛ ne de yi? Adɛn nti na ne nkurɔfo tete ne nkurow mu?
Of the people of Ammon. "Thus says Jehovah: 'Has Israel no sons? Has he no heir? Why then does Milcom possess Gad, and his people dwell in its cities?
2 Nanso nna no reba,” Awurade na ose. “Bere a mɛbobɔ mu de afrɛ ɔko atia Raba a ɛyɛ Amonfo de; ɛbɛyɛ afabo siw, wɔbɛto nkuraa a atwa ne ho ahyia no mu gya. Na Israel bɛpam wɔn a wɔpam no no,” sɛɛ na Awurade se.
Therefore look, the days come,' says Jehovah, 'that I will cause an alarm of war to be heard against Rabbah of the people of Ammon; and it shall become a desolate heap, and her daughters shall be burned with fire: then shall Israel possess those who possessed him,' says Jehovah.
3 “Twa adwo. Hesbon, efisɛ wɔasɛe Ai! Monteɛ mu, mo a mowɔ Raba! Mumfura ayitam na munni awerɛhow; mommɔ nnyenyen wɔ afasu no mu, efisɛ Molek bɛkɔ nnommum mu, ɔne nʼasɔfo ne nʼadwumayɛfo.
'Wail, Heshbon, for Ai is laid waste; cry, you daughters of Rabbah, clothe yourself in sackcloth: lament, and run back and forth among the fences; for Milcom shall go into captivity, his priests and his officials together.
4 Adɛn nti na wode wʼabon ahorow no hoahoa wo ho, wʼabon a wunya mu aba bebree no nti? Amon Babea a Onni nokware, wode wo ho to wʼahonya so na woka se, ‘Hena na ɔbɛtow ahyɛ me so?’
Why do you glory in the valleys, your flowing valley, backsliding daughter? You who trusted in her treasures, saying, "Who shall come to me?"
5 Mede ehu bɛba wo so, ebefi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ose, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfo ano.
Look, I will bring a fear on you,' says Jehovah of hosts, 'from all who are around you; and you shall be driven out every man right forth, and there shall be none to gather together the fugitives.
6 “Nanso akyiri no, mɛsan de Amonfo adenya ama wɔn,” sɛe na Awurade se.
But afterward I will bring back the captivity of the people of Ammon,' says Jehovah."
7 Nea ɛfa Edom ho: Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Nyansa nni Teman bio ana? Afotu ayera wɔ anyansafo mu ana? Wɔn nyansa no aporɔw ana?
Of Edom. "Thus says Jehovah of hosts: 'Is wisdom no more in Teman? Is counsel perished from the prudent? Is their wisdom vanished?
8 Monnan mo ho na munguan, monkɔtetɛw abodan a mu dɔ mu, mo a motete Dedan, efisɛ mede amanehunu bɛba Esau so wɔ bere a mɛtwe nʼaso no.
Flee, turn back, dwell in the depths, inhabitants of Dedan; for I will bring the calamity of Esau on him, the time that I shall visit him.
9 Sɛ bobetetewfo no baa mo nkyɛn a anka wɔrennya bobe no kakra ana? Sɛ akorɔmfo baa ɔdasu mu a, anka wɔrenwia ade dodow a wɔpɛ ana?
If grape gatherers came to you, would they not leave some gleaning grapes? If thieves by night, wouldn't they destroy until they had enough?
10 Na mɛma Esau ada adagyaw. Mɛda ne hintabea ahorow adi, sɛnea ɔrentumi mfa ne ho nhintaw. Ne mma, nʼabusuafo ne ne mfɛfo bewuwu, na wɔrenhu no bio.
But I have made Esau bare, I have uncovered his secret places, and he shall not be able to hide himself: his seed is destroyed, and his brothers, and his neighbors; and he is no more.
11 Munnyaw mo ayisaa, mɛbɔ wɔn nkwa ho ban. Mo akunafo nso betumi de wɔn ho ato me so.”
Leave your fatherless children, I will preserve them alive; and let your widows trust in me.'
12 Nea Awurade se ni: “Sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔmfata sɛ wɔnom kuruwa no nom a, ɛno de adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso na mobɛnom nso.
For thus says Jehovah: 'Look, they to whom it did not pertain to drink of the cup shall certainly drink; and are you he who shall altogether go unpunished? You shall not go unpunished, but you shall surely drink.
13 Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiriwde, ahohorade ne nnome; na ne nkurow nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ose.
For I have sworn by myself,' says Jehovah, 'that Bozrah shall become an astonishment, a reproach, a waste, and a curse; and all its cities shall be perpetual wastes.'"
14 Mate asɛm a efi Awurade nkyɛn: wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no se, “Mommoaboa mo ho ano nkɔtow nhyɛ no so! Monsɔre nkɔ ɔko!”
I have heard news from Jehovah, and an ambassador is sent among the nations, saying, "Gather yourselves together, and come against her, and rise up to the battle."
15 “Na mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtiaa.
"For, look, I have made you small among the nations, and despised among men.
16 Ehu a wobɔ ne koma mu ahomaso adaadaa wo, wo a wote abotan ntokuru mu, na wote koko no sorɔnsorɔmmea. Ɛwɔ mu, woyɛ wo berebuw wɔ sorosoro sɛ ɔkɔre de, nanso hɔ na mefi de wo aba fam,” Awurade na ose.
As for your terror, the pride of your heart has deceived you, O you who dwell in the clefts of the rock, who hold the height of the hill: though you should make your nest as high as the eagle, I will bring you down from there," says Jehovah.
17 “Edom bɛyɛ ahodwiriwde; wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw esiane nʼapirakuru nyinaa nti.
"Edom shall become an astonishment: everyone who passes by it shall be astonished, and shall hiss at all its plagues.
18 Sɛnea wɔdan Sodom ne Gomora ne wɔn nkurow gui no,” Awurade na ose, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
As in the overthrow of Sodom and Gomorrah and the neighbor cities of it," says Jehovah, "no man shall dwell there, neither shall any son of man live in it.
19 “Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Edom afi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu. Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi? Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi? Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”
Look, he shall come up like a lion from the pride of the Jordan against the strong habitation: for I will suddenly make them run away from it; and whoever is chosen, him will I appoint over it: for who is like me? And who will appoint me a time? And who is the shepherd who will stand before me?
20 Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Edom, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman ni: Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
Therefore hear the counsel of Jehovah, that he has taken against Edom; and his purposes, that he has purposed against the inhabitants of Teman: Surely they shall drag them away, the little ones of the flock; surely he shall make their habitation desolate over them.
21 Wɔn asehwe nnyigyei bɛma asase awosow; wɔn nteɛteɛmu gyegyeegye akodu Po Kɔkɔɔ ho.
The earth trembles at the noise of their fall; there is a cry, the noise which is heard in the Red Sea.
22 Monhwɛ! Ɔkɔre bi betu akɔ soro na wabɔ hoo aba fam a watrɛtrɛw ne ntaban mu wɔ Bosra so. Saa da no Edom dɔmmarima koma betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
Look, he shall come up and fly as the eagle, and spread out his wings against Bozrah: and the heart of the mighty men of Edom at that day shall be as the heart of a woman in her pangs."
23 Nea ɛfa Damasko ho: “Hamat ne Arpad di yaw, efisɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn koma abotow te sɛ po a ayɛ hagyahagya.
Of Damascus. "Hamath is confounded, and Arpad; for they have heard evil news, they are melted away: there is sorrow on the sea; it can't be quiet.
24 Damasko ayɛ mmerɛw, wayɛ sɛ ɔrebeguan wabɔ huboa; ahoyeraw ne ɔyaw akyekyere no, ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a, ɔrekyem wɔ awo so.
Damascus has grown feeble, she turns herself to flee, and trembling has seized on her: anguish and sorrows have taken hold of her, as of a woman in travail.
25 Adɛn nti na wonnyaw kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kurow a mʼani gye mu?
How is the city of praise not forsaken, the city of my joy?
26 Ampa ara ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so; wɔbɛma nʼasraafo nyinaa aka wɔn ano ato mu saa da no,” sɛɛ na Asafo Awurade se.
Therefore her young men shall fall in her streets, and all the men of war shall be brought to silence in that day," says Jehovah of hosts.
27 “Mede ogya bɛto Damasko afasu mu; na ɛbɛhyew Ben-Hadad aban.”
"I will kindle a fire in the wall of Damascus, and it shall devour the palaces of Ben Hadad."
28 Nea ɛfa Kedar ne Hasor ahenni, a Babiloniahene Nebukadnessar tow hyɛɛ so no. Sɛɛ na Awurade se: “Sɔre na kɔtow hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apuei fam no.
Of Kedar, and of the kingdoms of Hazor, which Nebuchadnezzar king of Babylon struck. "Thus says Jehovah: 'Arise, go up to Kedar, and destroy the people of the east.'
29 Wɔbɛfa wɔn ntamadan ne wɔn nguankuw; wɔbɛfa wɔn nkataso, ne wɔn ho nneɛma ne yoma akɔ. Nnipa bɛteɛteɛ mu se, ‘Ehu wɔ baabiara!’
Their tents and their flocks shall they take; they shall carry away for themselves their curtains, and all their vessels, and their camels; and they shall cry to them, 'Terror on every side.'
30 “Munguan nkɔ ntɛmntɛm! Monhyehyɛ abodan a mu dɔ mu, mo a motete Hasor,” Awurade na ose. “Babiloniahene Nebukadnessar apam mo ti so; wayɛ nhyehyɛe a etia mo.
Flee, wander far off, dwell in the depths, you inhabitants of Hazor," says Jehovah; "for Nebuchadnezzar king of Babylon has taken counsel against you, and has conceived a purpose against you."
31 “Sɔre kɔtow hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotoso mu,” Awurade na ose, “ɔman a wonni apon anaa akwanside; na emu nnipa nko ara na wɔte.
"Arise, go up to a nation that is at ease, that dwells without care, says Jehovah; that have neither gates nor bars, that dwell alone.
32 Wɔn mfurum bɛyɛ asade, na wɔn anantwikuw akɛse no bɛyɛ asade. Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no, na mede amanehunu befi afa nyinaa aba wɔn so,” Awurade na ose.
Their camels shall be a booty, and the multitude of their livestock a spoil: and I will scatter to all winds those who have the corners of their beards cut off; and I will bring their calamity from every side of them," says Jehovah.
33 “Hasor bɛyɛ ahade ama adompo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.”
"Hazor shall be a dwelling place of jackals, a desolation forever: no man shall dwell there, neither shall any son of man live in it."
34 Eyi ne asɛm a, efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedi mfiase:
The word of Jehovah that came to Jeremiah the prophet concerning Elam, in the beginning of the reign of Zedekiah king of Judah, saying,
35 Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Hwɛ mebubu Elam agyan mu, nea wɔn ahoɔden gyina so no.
"Thus says Jehovah of hosts: 'Look, I will break the bow of Elam, the chief of their might.
36 Mede mframa anan no bɛba Elam so afi ɔsorosoro afanan; mɛbɔ wɔn ahwete mframa anan no mu, na ɔman biara nni hɔ a Elam atubrafo renkɔ so.
On Elam will I bring the four winds from the four quarters of the sky, and will scatter them toward all those winds; and there shall be no nation where the outcasts of Elam shall not come.
37 Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfo anim, wɔ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no anim; mede amanehunu bɛba wɔn so mpo mʼabufuwhyew no,” Awurade na ose. “Mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ, mewie wɔn korakora.
I will cause Elam to be dismayed before their enemies, and before those who seek their life; and I will bring evil on them, even my fierce anger,' says Jehovah; 'and I will send the sword after them, until I have consumed them;
38 Mesi mʼahengua wɔ Elam na masɛe ne hene ne nʼadwumayɛfo,” Awurade na ose.
and I will set my throne in Elam, and will destroy from there king and officials,' says Jehovah.
39 “Nanso mɛsan de Elam adenya ama no nna a ɛreba no mu,” Awurade na ose.
'But it shall happen in the latter days, that I will bring back the captivity of Elam,' says Jehovah."

< Yeremia 49 >