< Yeremia 39 >

1 Yudahene Sedekia dii ade no, ne mfe akron mu, ɔsram a ɛto so du so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo nyinaa tuu Yerusalem so sa, wotuaa kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiae.
It happened when Jerusalem was taken, (in the ninth year of Zedekiah king of Judah, in the tenth month, came Nebuchadnezzar king of Babylon and all his army against Jerusalem, and besieged it;
2 Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, wobubuu kuropɔn no afasu.
in the eleventh year of Zedekiah, in the fourth month, the ninth day of the month, a breach was made in the city).
3 Na Babiloniahene adwumayɛfo no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Pon hɔ: Nergal-Sareser a ofi Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panyin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw, ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa.
Then all the officials of the king of Babylon came in, and sat in the Middle Gate, Nergal-sar-ezer of Samgar, Nebu-sar-sekim the Rab-saris, Nergal-sar-ezer the Rab-mag, with all the rest of the officers of the king of Babylon.
4 Bere a Yudahene Sedekia ne nʼasraafo nyinaa huu wɔn no, woguanee, wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.
It happened that, when Zedekiah the king of Judah and all the men of war saw them, then they fled, and went forth out of the city by night, by the way of the king's garden, through the gate between the two walls; and he went out toward the Arabah.
5 Nanso Babilonia asraafo no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tataw so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na hɔ na obuu no atɛn.
But the army of the Chaldeans pursued after them, and overtook Zedekiah in the plains of Jericho: and when they had taken him, they brought him up to Nebuchadnezzar king of Babylon to Riblah in the land of Hamath; and he gave judgment on him.
6 Ribla hɔ na Babiloniahene kunkum Sedekia mmabarima wɔ nʼanim na okum Yudafo mmapɔmma nyinaa nso.
Then the king of Babylon killed the sons of Zedekiah in Riblah before his eyes: also the king of Babylon killed all the nobles of Judah.
7 Afei otutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafrae mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.
Moreover he put out Zedekiah's eyes, and bound him in fetters, to carry him to Babylon.
8 Babiloniafo no de ogya too ahemfi no ne nnipa no afi mu, na wodwiriw Yerusalem afasu no.
The Chaldeans burned the king's house, and the houses of the people, with fire, and broke down the walls of Jerusalem.
9 Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no de kuropɔn no mu nkae, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a wɔaka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.
Then Nebuzaradan the captain of the guard carried away captive into Babylon the residue of the people who remained in the city, the deserters also who fell away to him, and the residue of the people who remained.
10 Nanso ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano no gyaa ahiafo a wonni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa bere no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.
But Nebuzaradan the captain of the guard left of the poor of the people, who had nothing, in the land of Judah, and gave them vineyards and fields at the same time.
11 Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho se,
Now Nebuchadnezzar king of Babylon commanded Nebuzaradan the captain of the guard concerning Jeremiah, saying,
12 “Fa no na hwɛ no so; nhaw no na nea obisa biara no, yɛ ma no.”
"Take him, and look well to him, and do him no harm; but do to him even as he shall tell you."
13 Enti ɔsahene Nebusaradan a otua awɛmfo no ano, Nebusaradan, adwumayɛfo panyin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitiriw ne Babiloniahene adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa
So Nebuzaradan the captain of the guard sent, and Nebushazban the Rab-saris, Nergal-sar-ezer the Rab-mag and all the chief officers of the king of Babylon;
14 soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo adiwo hɔ bae. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne fi. Enti Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfo mu.
they sent, and took Jeremiah out of the court of the guard, and committed him to Gedaliah the son of Ahikam, the son of Shaphan, that he should carry him home: so he lived among the people.
15 Bere a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn se,
Now the word of Jehovah came to Jeremiah, while he was shut up in the court of the guard, saying,
16 “Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek se, ‘Sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me nsɛm a etia kuropɔn yi, mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiyedi so ama aba mu. Saa bere no ɛbɛba mu wɔ wʼanim.
"Go, and speak to Ebedmelech the Ethiopian, saying, 'Thus says Jehovah of hosts, the God of Israel: "Look, I will bring my words on this city for disaster, and not for prosperity; and they shall be fulfilled before you in that day.
17 Nanso megye wo saa da no, Awurade na ose; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wusuro wɔn no nsa.
But I will deliver you in that day, says Jehovah; and you shall not be given into the hand of the men of whom you are afraid.
18 Megye wo nkwa, na worentɔ wɔ afoa ano na mmom wubenya wo ti adidi mu, efisɛ wugye me di, Awurade, na ose.’”
For I will surely save you, and you shall not fall by the sword, but your life will be given to you as a reward; because you have put your trust in me,"' says Jehovah."

< Yeremia 39 >