< Yeremia 15 >

1 Afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel begyinaa mʼanim a anka me koma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma womfi mʼani so! Ma wɔnkɔ!
Then Jehovah said to me, "Though Moses and Samuel stood before me, yet my mind would not be toward this people: cast them out of my sight, and let them go forth.
2 Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se: “‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu; wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano; wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’
It shall happen, when they tell you, 'Where shall we go forth?' Then you shall tell them, 'Thus says Jehovah: "Such as are for death, to death; and such as are for the sword, to the sword; and such as are for the famine, to the famine; and such as are for captivity, to captivity.
3 “Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so,” Awurade na ose, “afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn.
I will appoint over them four kinds, says Jehovah: the sword to kill, and the dogs to tear, and the birds of the sky, and the animals of the earth, to devour and to destroy.
4 Mɛma wɔayɛ akyiwade ama asase so ahenni nyinaa, esiane nea Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem nti.
I will cause them to be tossed back and forth among all the kingdoms of the earth, because of Manasseh, the son of Hezekiah, king of Judah, for that which he did in Jerusalem.
5 “Hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem? Hena na obegyam wo? Hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?
For who will have pity on you, Jerusalem? Or who will bemoan you? Or who will turn aside to ask of your welfare?
6 Woapo me,” Awurade na ose. “Wugu akyirisan so ara. Ɛno nti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio.
'You have rejected me,' says Jehovah, 'you have gone backward:' therefore have I stretched out my hand against you, and destroyed you; I am weary with repenting.
7 Mede nhuhuwso apampaa behuhuw wɔn so wɔ asase no kuropɔn apon ano. Mede owu ne ɔsɛe bɛba me nkurɔfo so, efisɛ wɔnsakraa wɔn akwan ɛ.
I have winnowed them with a fan in the gates of the land; I have bereaved them of children, I have destroyed my people; they did not return from their ways.
8 Mɛma wɔn akunafo adɔɔso asen mpoano nwea. Mede ɔsɛefo bɛba owigyinae, abɛhaw wɔn mmerante nanom; mpofirim mede ɔyaw ne ehu bɛba wɔn so.
Their widows are increased to me above the sand of the seas; I have brought on them against the mother of the young men a destroyer at noonday; I have made anguish and terror to fall on them suddenly.
9 Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw, na wagyaa mu. Ne wia bɛtɔ wɔ bere a ade nsaa ɛ; wobegu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkae no bɛma afoa wɔ wɔn atamfo anim,” Awurade na ose.
She who has borne seven languishes; she has given up the spirit; her sun is gone down while it was yet day; she has been disappointed and confounded: and their residue will I deliver to the sword before their enemies," says Jehovah.
10 Ao, me na a wowoo me, onipa a asase no sofo nyinaa ne me ham, di aperepere! Memfɛm obi biribi na memmɔɔ bosea mfii obi hɔ ɛ, nanso obiara dome me.
"Woe is me, my mother, that you have borne me a man of strife and a man of contention to the whole earth. I have not lent, neither have men lent to me; yet everyone of them curses me."
11 Awurade kae se, “Nokware megye wo ama botae pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfo apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmere mu.
Jehovah said, "Most certainly I will strengthen you for good; most certainly I will cause the enemy to make petition to you in the time of evil and in the time of distress.
12 “Onipa betumi abu dade mu dade a efi atifi fam, anaa kɔbere?
Can one break iron, even iron from the north, and bronze?
13 “Mo ahode ne mo nnwetɛbona mede bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka, esiane mo nnebɔne nyinaa wɔ mo man no mu nti.
Your substance and your treasures will I give for a spoil without price, and that for all your sins, even in all your borders.
14 Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo wɔ ɔman a munnim so so, mʼabufuw bɛma ogya adɛw na ɛbɛhyew mo.”
I will make you serve your enemies in a land which you do not know; for a fire is kindled in my anger, which shall burn on you."
15 Wote ase, Awurade; kae me na hwɛ me so. Tɔ wɔn a wɔtaa me no so were. Wowɔ abodwokyɛre, mma me nwu; hwɛ sɛnea wo nti wɔbɔ me ahohora.
"Jehovah, you know; remember me, and visit me, and avenge me of my persecutors; do not take me away in your longsuffering: know that for your sake I have suffered reproach.
16 Wo nsɛm bae no, midii; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.
Your words were found, and I ate them; and your words were to me a joy and the rejoicing of my heart: for I am called by your name, Jehovah, the God of hosts.
17 Mantena wɔn a wogye wɔn ani fekuw mu, ne wɔn annye wɔn ani; metew me ho tenae, efisɛ wo nsa daa me so na wʼabufuw hyɛɛ me ma.
I did not sit in the assembly of those who make merry, nor rejoiced; I sat alone because of your hand; for you have filled me with indignation.
18 Adɛn nti na me yaw to ntwa da na mʼapirakuru ayɛ akisikuru a ano yɛ den? Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me, sɛ asuti a ɛyow ana?
Why is my pain perpetual, and my wound incurable, which refuses to be healed? Will you indeed be to me as a deceitful brook, as waters that fail?"
19 Enti sɛɛ na Awurade se, “Sɛ wosakra wʼadwene a megye wo ato mu bio na woasom me; sɛ nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a, wobɛyɛ me kasamafo. Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn, na wo de, ɛnsɛ sɛ wodan kɔ wɔn nkyɛn.
Therefore thus says Jehovah, "If you return, then will I bring you again, that you may stand before me; and if you take forth the precious from the vile, you shall be as my mouth: they shall return to you, but you shall not return to them.
20 Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi, bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato; wɔne wo bedi asi nanso wɔrenni wo so nkonim, efisɛ me ne wo wɔ hɔ sɛ meyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ose.
I will make you to this people a fortified bronze wall; and they shall fight against you, but they shall not prevail against you; for I am with you to save you and to deliver you," says Jehovah.
21 “Megye wo nkwa afi amumɔyɛfo nsam na mayi wo afi atirimɔdenfo nsam.”
"I will deliver you out of the hand of the wicked, and I will redeem you out of the hand of the terrible."

< Yeremia 15 >