< Yeremia 10 >

1 Muntie nea Awurade ka kyerɛ mo, Israelfi. 2 Sɛɛ na Awurade se: “Munnsua amanaman no akwan anaa momma wim nsɛnkyerɛnne mmɔ mo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ amanaman no hu. 3 Na nkurɔfo no amanne nka hwee; wotwa dua fi kwae mu, na odwumfo de ne fitii asen. 4 Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no; wɔde nnadewa ne asae bobɔ si hɔ sɛnea ɛrenhwe fam. 5 Ɛte sɛ kaakaabotoni a esi ɛfere mfikyifuw mu, wɔn ahoni no ntumi nkasa; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn efisɛ wontumi nnantew. Munnsuro wɔn; wɔrentumi nhaw mo na wɔrentumi nyɛ ade pa biara nso.” 6 Obiara nte sɛ wo, Awurade; woyɛ ɔkɛse na wo din so wɔ tumi mu. 7 Hena na ɛnsɛ sɛ odi wo ni, Amansanhene? Eyi na ɛfata wo. Amanaman no so anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ. 8 Wɔn nyinaa yɛ adwenharefo ne nkwaseafo; dua ahoni a so nni mfaso na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ. 9 Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba, ne sikakɔkɔɔ nso fi Ufas ba. Ɛyɛ nea odwumfo ne sika dwumfo ayɛ a wɔde ntama bibiri ne beredum afura no, ne nyinaa yɛ adwumfo anyansafo nsa ano nnwuma. 10 Nanso Awurade ne nokware Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefo, daapem Hene no. Sɛ ne bo fuw a asase wosow; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuwhyew ano. 11 “Ka eyi kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afi asase so ne ɔsorosoro ase.’” 12 Nanso Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu. 13 Sɛ ɔpaapae aprannaa a ɔsorosoro nsu bobɔ mu; ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano. Ɔde anyinam ka osu ho ba, na ogyaa mframa mu fi nʼadekoradan mu. 14 Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ; sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti. Ne nsɛsode yɛ atoro; wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu. 15 Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew; sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera. 16 Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom, efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho, Asafo Awurade ne ne din. 17 Mommoaboa mo ahode ano mfi asase no so, mo a motete nkurow a wɔatua wɔn ano mu. 18 Na sɛɛ na Awurade se: “Saa bere yi mɛtow wɔn a wɔtete asase yi so agu; mede amanehunu bɛba wɔn so sɛnea wɔbɛfa wɔn nnommum.” 19 Me pira yi nti minnue, mʼapirakuru yɛ akisikuru! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Eyi ne me yare, na ɛsɛ sɛ mimia mʼani.” 20 Wɔasɛe me ntamadan; wɔatwitwa nʼahama nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhu wɔn bio; anka obiara a obesi me ntamadan anaa obesiesie me suhyɛ. 21 Nguanhwɛfo no yɛ adwenharefo wommisa Awurade akyi kwan; ɛno nti wɔnkɔ so na wɔn nguankuw no abɔ ahwete. 22 Muntie! Amanneɛ no reba, basabasayɛ kɛse a efi atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkurow ada mpan, na ayɛ sakraman atu. 23 Awurade, minim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne de; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntu. 24 Teɛ me so, Awurade, wɔ trenee mu, mfi wʼabufuw mu nyɛ; anyɛ saa a wobɛdwerɛw me. 25 Hwie wʼabufuwhyew no gu amanaman a wonnye wo nto mu no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Efisɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so no.

< Yeremia 10 >