< Yesaia 62 >

1 Sion nti, merenyɛ komm, Yerusalem nti, merenyɛ dinn, kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn. 2 Amanaman no behu wo trenee, na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam; wɔbɛfrɛ wo din foforo a Awurade de bɛto wo no. 3 Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw wɔ Awurade nsam, ne adehye anuonyam abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsam. 4 Wɔremfrɛ wo amamfo bio, anaa wʼasase sɛ amamfo. Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefo efisɛ Awurade ani begye wo ho, na ɔbɛware wʼasase. 5 Sɛnea aberante ware ababaa no, saa ara na wo mmabarima bɛware wo; sɛ ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no, saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho. 6 Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa, 7 na mommma onnye nʼahome kosi sɛ, ɔbɛma Yerusalem atim na wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo. 8 Awurade de ne basa nifa aka ntam ne basa a ɛyɛ den no se, “Meremfa mo awi mma mo atamfo sɛ wɔn aduan bio, na ananafo rennom nsa foforo a moabrɛ ho no bio; 9 wɔn a wotwa no na wobedi na wɔakamfo Awurade, na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom wɔ me kronkronbea adiwo.” 10 Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu! Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no. Mompae, mompae ɔtempɔn no! Munyiyi so abo no. Munsi frankaa mma amanaman no. 11 Awurade abɔ no dawuru akosi nsase ano se, “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’” 12 Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron, wɔn a Awurade Agye Wɔn; na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan, Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio.

< Yesaia 62 >