< Yesaia 46 >

1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase; mfurum soa wɔn ahoni. Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ. 2 Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase; wontumi nsiw amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu. 3 “Muntie me, Yakobfifo, mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa, mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afi bere a wɔwoo mo. 4 Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu, Me ne no, Me ne nea obeso mo mu. Mabɔ mo na meturu mo; mɛwowaw mo na megye mo. 5 “Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso? Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho? 6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkotow sɔre no. 7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so, wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfi faako a esi. Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua; ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu. 8 “Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim, munnwen ho mo atuatewfo. 9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. 10 Meda awiei adi fi mfiase, efi tete, meka nea ɛbɛba. Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina, na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’ 11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam; afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma. Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu; nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ. 12 Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo, mo a mo ne trenee ntam kwan ware; 13 Mede me trenee rebɛn, enni akyirikyiri; na me nkwagye nso renkyɛ. Mɛma Sion nkwagye, na mede mʼanuonyam ama Israel.

< Yesaia 46 >