< Yesaia 42 >

1 “Me somfo a mahyɛ no den ni, nea mayi no na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom begu no so na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ aman no. 2 Ɔrenteɛ mu anaa ɔremma ne nne so. Ɔremma ne nne so wɔ mmɔnten so. 3 Demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu. Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum. Nokware mu na ɔbɛda trenee adi; 4 ɔrenhinhim na ɔrempa abaw kosi sɛ ɔde trenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛto.” 5 Sɛɛ na Onyankopɔn, Awurade no se, nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛw mu, nea ɔtwee asase mu ne nea efi mu nyinaa, nea ɔma wɔn a wɔte so home, na ɔma wɔn a wɔnantew so no nkwa: 6 “Me, Awurade, mafrɛ wo trenee mu; meso wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfo no ne kanea ama amanamanmufo, 7 na woabue ani a afura, na woayi nneduafo afi afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amoa mu, wɔn a wɔte sum kabii mu no. 8 “Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanuonyam mma obi anaa mʼayeyi mma ahoni. 9 Hwɛ, nneɛma dedaw no asisi, na nneɛma foforo no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no, meka kyerɛ mo.” 10 Monto dwom foforo mma Awurade! Nʼayeyi mfi asase ano, mo a mokɔ po so ne nea ɛwo mu nyinaa, mo asupɔw ne wɔn a wɔtete so nyinaa. 11 Ma nweatam ne so nkurow mma wɔn nne so; ma atenae a Kedar te so no nsɛpɛw wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto nnwom nnye wɔn ani; ma wɔnteɛ mu mfi mmepɔw no atifi! 12 Ma wɔnhyɛ Awurade anuonyam; na wɔmpae mu nka nʼayeyi no wɔ asupɔw no so. 13 Awurade bepue aba sɛ ɔkatakyi, te sɛ ɔkofo no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; ɔde nteɛmu bɛyɛ ɔkofo nkanyan na obedi nʼatamfo so nkonim. 14 “Mayɛ komm akyɛ, mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. Nanso afei, te sɛ ɔbea a ɔrewo no, meteɛ mu, mehome a ensi so na mehome afrɛ so. 15 Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko no na mahyew so afifide nyinaa. Mɛdan nsubɔnten ama ayɛ asupɔw, na mama atare ayoyow. 16 Medi anifuraefo anim afa akwan a wonnim so so, akwan a wonnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma sum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmeae a ɛyɛ abonkyiabonkyi no trontrom. Eyinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennyaw wɔn mu. 17 Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.” 18 “Tie, wo ɔsotifo; hwɛ, wo onifuraefo na hu! 19 Hena ne onifuraefo sɛ me somfo, na ɔyɛ ɔsotifo sɛ ɔbɔfo a mesoma no? Hena na nʼani afura sɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ me mu, nʼani afura sɛ Awurade somfo? 20 Woahu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Ɔkwan da wʼasom, nanso wonte hwee.” 21 Ɛsɔɔ Awurade ani, ne trenee nti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛse na anya anuonyam. 22 Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafow wɔn yi, wɔn nyinaa aka amoa mu anaa wɔde wɔn asie wɔ afiase. Wɔayɛ wɔn asade na wonni obi a obegye wɔn; wɔayɛ wɔn akorɔnne na wonni obi a ɔbɛka se, “Momfa wɔn nsan nkɔ.” 23 Mo mu hena na obetie eyi anaa nʼani beku ho yiye akyiri yi? 24 Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne, na ɔde Israel maa afowfo? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Efisɛ wɔannantew nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so. 25 Enti ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so, akodi mu basabasayɛ. Ɛde ogyaframa bunkam wɔn so, nanso wɔante ase. Ɛhyew wɔn, nanso amfa wɔn ho.

< Yesaia 42 >