< Yesaia 38 >

1 Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.” 2 Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se, 3 “Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. 4 Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se, 5 “San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho. 6 Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban. 7 “‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so: 8 Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du. 9 Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni: 10 Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owu apon mu na wogye me mfe a aka yi ana?” (Sheol h7585) 11 Mekae se, “Merenhu Awurade Nyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefo asase so. Merenhu adesamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte wiase yi ho bio. 12 Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam, te sɛ, oguanhwɛfo ntamadan. Matwa me nkwa so sɛnea ɔnwemfo twa me fi asadua so; awia ne anadwo wutwaa me nkwa so. 13 Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wutwaa me nkwa so. 14 Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; mitwaa adwo sɛ, aborɔnoma a ɔredi awerɛhow. Mʼani yɛɛ siamoo bere a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!” 15 Na dɛn na metumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ eyi. Mede ahobrɛase bɛnantew mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyeraw yi nti. 16 Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa na me honhom nso nya nkwa wɔ mu. Wode mʼakwahosan asan ama me nam so ama manya nkwa. 17 Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti na mekɔɔ saa ahoyeraw yi mu. Wo dɔ nti, wode me siei na mankɔ ɔsɛe amoa mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me. 18 Ɔda rentumi nkamfo wo; owu rentumi nto wo ayeyi nnwom; wɔn a wosian kɔ amoa mu no rentumi nnya anidaso wɔ wo nokware mu bio. (Sheol h7585) 19 Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo, sɛnea mereyɛ nnɛ yi; agyanom ka wo nokwaredi ho asɛm kyerɛ wɔn mma. 20 Awurade begye me nkwa, na yɛde asanku bɛto nnwom yɛn nkwanna nyinaa wɔ Awurade fi. 21 Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.” 22 Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

< Yesaia 38 >