< Yesaia 22 >

1 Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no: Dɛn na ɛhaw mo mprempren, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,
论异象谷的默示: 有什么事使你这满城的人都上房顶呢?
2 kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma, huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn? Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa, na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso.
你这满处呐喊、大有喧哗的城, 欢乐的邑啊, 你中间被杀的并不是被刀杀, 也不是因打仗死亡。
3 Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan; wɔamfa tadua ankyekye wɔn. Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafo mo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri.
你所有的官长一同逃跑, 都为弓箭手所捆绑。 你中间一切被找到的都一同被捆绑; 他们本是逃往远方的。
4 Enti mekae se, “Mumfi me so na mintwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfo sɛe ho.”
所以我说:你们转眼不看我, 我要痛哭。 不要因我众民的毁灭, 就竭力安慰我。
5 Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi ma huuyɛ, ntiatiaso ne ehu wɔ Anisoadehu Bon no mu, da a wɔde bubu afasu na wɔde su kyerɛ mmepɔw.
因为主—万军之耶和华使“异象谷” 有溃乱、践踏、烦扰的日子。 城被攻破, 哀声达到山间。
6 Elam fa bɛmma no ka ne nteaseɛnamkafo ne apɔnkɔ ho; Kir ama kyɛm no so.
以拦带着箭袋, 还有坐战车的和马兵; 吉珥揭开盾牌。
7 Nteaseɛnam ayɛ mo bon fɛfɛ no ma, na wɔde apɔnkɔsotefo agyinagyina kuropɔn apon no ano.
你嘉美的谷遍满战车, 也有马兵在城门前排列。
8 Wɔayi Yuda ho bammɔ no. Na da no wode wʼani too akode a ɛwɔ Kwae mu Ahemfi no so;
他去掉犹大的遮盖。 那日,你就仰望林库内的军器。
9 wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no, akwan bebree deda ne bammɔ mu woboaa nsu ano wɔ Ase Abura mu.
你们看见大卫城的破口很多,便聚积下池的水,
10 Wokan adan a ɛwɔ Yerusalem no na wudwiriw afi de boaa ɔfasu no ahoɔden.
又数点耶路撒冷的房屋,将房屋拆毁,修补城墙,
11 Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe, na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.
又在两道城墙中间挖一个聚水池可盛旧池的水,却不仰望做这事的主,也不顾念从古定这事的。
12 Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam.
当那日,主—万军之耶和华叫人哭泣哀号, 头上光秃,身披麻布。
13 Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ; wokunkum anantwi ne nguan; wɔwe nam na wɔbow nsa! Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom, efisɛ, ɔkyena yebewu!”
谁知,人倒欢喜快乐, 宰牛杀羊,吃肉喝酒,说: 我们吃喝吧!因为明天要死了。
14 Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.
万军之耶和华亲自默示我说: 这罪孽直到你们死,断不得赦免! 这是主—万军之耶和华说的。
15 Sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se, “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi, Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se,
主—万军之耶和华这样说:“你去见掌银库的,就是家宰舍伯那,对他说:
16 Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo da wɔ ha, worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?
‘你在这里做什么呢?有什么人竟在这里凿坟墓,就是在高处为自己凿坟墓,在磐石中为自己凿出安身之所?
17 “Hwɛ yiye, na Awurade rebeso wo mu den atow wo akyene, wo ɔhoɔdenfo.
看哪,耶和华必像大有力的人,将你紧紧缠裹,竭力抛去。
18 Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa, na watow wo akyene ɔman kɛse bi so hɔ na wubewu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi!
他必将你滚成一团,抛在宽阔之地,好像抛球一样。你这主人家的羞辱,必在那里坐你荣耀的车,也必在那里死亡。
19 Megye wʼadwuma afi wo nsa mu na wɔayi wo afi wo dibea so.
我必赶逐你离开官职;你必从你的原位撤下。’
20 “Saa da no, mɛfrɛ me somfo Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.
“到那日,我必召我仆人希勒家的儿子以利亚敬来,
21 Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi.
将你的外袍给他穿上,将你的腰带给他系紧,将你的政权交在他手中。他必作耶路撒冷居民和犹大家的父。
22 Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue.
我必将大卫家的钥匙放在他肩头上。他开,无人能关;他关,无人能开。
23 Mɛbɔ ne so sɛ pɛe ama watim, ɔbɛyɛ anuonyam agua ama nʼagya fi.
我必将他安稳,像钉子钉在坚固处;他必作为他父家荣耀的宝座。
24 Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so.
他父家所有的荣耀,连儿女带子孙,都挂在他身上,好像一切小器皿,从杯子到酒瓶挂上一样。
25 “Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”
万军之耶和华说:当那日,钉在坚固处的钉子必压斜,被砍断落地;挂在其上的重担必被剪断。因为这是耶和华说的。”

< Yesaia 22 >