< Yesaia 20 >

1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no, 2 saa bere no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasae se, “Yi atweaatam no fi wo ho ne mpaboa no fi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagyaw a nʼanan nso sisi fam dii akɔneaba. 3 Na Awurade kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no, 4 saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. 5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu. 6 Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’”

< Yesaia 20 >