< Yesaia 17 >

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw.
ダマスコにかかはる重負の預言 いはく/視よダマスコは邑のすがたをうしなひて荒墟となるべし
2 Aroer nkuropɔn bɛdan amamfo na wɔagyaw ama nguankuw ama wɔadeda hɔ, a obiara renyi wɔn hu.
アロエルの諸邑はすてられん獸畜のむれそこにすみてその伏やすめるをおびやかす者もなからん
3 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso befi Damasko; Aram nkae bɛyɛ Israelfo anuonyam,” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
エフライムの城はすたりダマスコの政治はやみ スリアの遺れる者はイスラエルの子輩のさかえのごとく消うせん 是は萬軍のヱホバの聖言なり
4 “Da no Yakob anuonyam bɛpa; na ne mu srade bɛsa.
その日ヤコブの榮はおとろへその肥たる肉はやせて
5 Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so na ɔde ne nsa penpan, sɛ bere a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bon mu.
あだかも收穫人の麥をかりあつめ腕をもて穂をかりたる後のごとくレパイムの谷に穂をひろひたるあとの如くならん
6 Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no, ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so, ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,” sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.
されど橄欖樹をうつとき二つ三の核を杪にのこし あるひは四つ五をみのりおほき樹の外面のえだに遺せるが如く採のこさるるものあるべし 是イスラエルの神ヱホバの聖言なり
7 Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.
その日人おのれを造れるものを仰ぎのぞみイスラエルの聖者に目をとめん
8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa.
斯ておのれの手の工なる祭壇をあふぎ望まず おのれの指のつくりたるアシラの像と日の像とに目をとめじ
9 Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.
その日かれが堅固なるまちまちは 昔イスラエルの子輩をさけてすてさりたる森のなか嶺のうへに今のこれる荒跡のごとく荒地となるべし
10 Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa, na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no. Enti ɛwɔ mu sɛ mopɛ nnua papa na mudua bobe a moatɔ afi amannɔne,
そは汝おのがすくひの神をわすれ 己がちからとなるべき磐を心にとめざりしによる このゆゑになんぢ美くしき植物をうゑ異やうの枝をさし
11 ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren, nanso otwa no renyɛ hwee sɛ ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.
かつ植たる日に籬をまはし朝に芽をいださしむれども 患難の日といたましき憂の日ときたりて收穫の果はとびさらん
12 Nnome nka aman dodow a wohuru so no, wohuru so te sɛ po a ɛrebɔ asorɔkye! Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so, wɔworo so sɛ asu akɛse!
唉おほくの民はなりどよめけり海のなりどよめく如くかれらも鳴動めけり もろもろの國はなりひびけり大水のなりひびくが如くかれらも鳴響けり
13 Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te sɛ, asu a ɛresen mmirika so, sɛ ɔka wɔn anim a woguan kɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔw so te sɛ nweatam so nwura a mframaden rebɔ no.
もろもろの國はおほくの水のなりひびくがごとく鳴響かん されど神かれらを攻たまふべし かれら遠くのがれて風にふきさらるる山のうへの粃糠のごとく また旋風にふきさらるる塵のごとくならん
14 Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri mu ansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw! wɔn a wɔfow yɛn nneɛma, ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni.
視よゆふぐれに恐怖あり いまだ黎明にいたらずして彼等は亡たり これ我儕をかすむる者のうくべき報われらを奪ふもののひくべき鬮なり

< Yesaia 17 >