< 1 Mose 48 >

1 Mmere bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya yare.” Enti Yosef faa ne mmabarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no.
And it came about after these things that someone said to Joseph, "Look, your father is sick." And taking with him his two sons, Manasseh and Ephraim, he went to Jacob.
2 Bere a wɔbɔɔ Yakob amanneɛ se, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so.
And someone reported to Jacob, and said, "Look, your son Joseph has come to you." Then Israel strengthened himself and sat up in the bed.
3 Yakob ka kyerɛɛ Yosef se, “Otumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ohyiraa me,
And Jacob said to Joseph, "El Shaddai appeared to me at Luz in the land of Canaan and blessed me,
4 ka kyerɛɛ me se, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefo ayɛ ɔman kɛse. Mede saa asase yi bɛma wʼasefo afebɔɔ sɛ wɔn agyapade.’
and said to me, 'Look, I will make you fruitful and multiply you, and I will make of you a company of peoples, and will give this land to your descendants after you as an everlasting possession.'
5 “Ɛno nti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛnea Ruben ne Simeon yɛ me mma no.
And now your two sons, who were born to you in the land of Egypt before I came to you into Egypt, are mine; Ephraim and Manasseh will be mine, as Reuben and Simeon are.
6 Mma foforo biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyi no na wɔbɛyɛ wo de. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapade no so.
And your offspring born to you after them will be yours. But in their inheritance they are to be called after the names of their brothers.
7 Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”
But as for me, when I came from Paddan Aram, Rachel died, in my sorrow, in the land of Canaan on the journey, when there was still some distance to go to Ephrath. And I buried her there on the way to Ephrath (that is, Bethlehem)."
8 Bere a Israel huu Yosef mmabarima no, obisae se, “Na eyinom yɛ hefo?”
Then Israel saw Joseph's sons, and said, "Who are these?"
9 Yosef buaa nʼagya se, “Wɔyɛ mmabarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kae se, “Fa wɔn bra mʼanim ha na minhyira wɔn.”
And Joseph said to his father, "They are my sons, whom God has given me here." And he said, "Please bring them to me, so that I can bless them."
10 Saa bere no, esiane onyin nti, na Israel ani so ayɛ wusiwusi a onhu ade papa. Ne saa nti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fifew wɔn ano.
Now the eyes of Israel were failing because of his age, so that he couldn't see. Then he brought them near to him, and he kissed them and embraced them.
11 Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Manna mannwene sɛ mehu wʼanim bio da, nanso hwɛ nea Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahu wo mma nso.”
And Israel said to Joseph, "I did not expect to see your face, but look, God has let me see your offspring as well."
12 Yosef maa wɔn so fii Israel kotodwe anim, na ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuw fam.
Then Joseph brought them out from between his knees, and he bowed himself with his face to the ground.
13 Ɔsɔre no, ɔde ne nsa nifa soo Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, na ɔde ne nsa benkum soo Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ.
And Joseph took them both, Ephraim in his right hand toward Israel's left hand, and Manasseh in his left hand toward Israel's right hand, and brought them near to him.
14 Israel teɛɛ ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, na ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwɔ mu sɛ na Manase yɛ abakan de, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.
And Israel stretched out his right hand and placed it on Ephraim's head, who was the younger, and his left hand on Manasseh's head, crossing his hands, although Manasseh was the firstborn.
15 Ohyiraa Yosef se, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantew nʼanim, ne me Nyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ oguanhwɛfo de besi nnɛ no,
Then he blessed Joseph, and said, "The God before whom my fathers Abraham and Isaac walked, the God who has been my shepherd all my life to this day,
16 ɔsoro bɔfo a ogyee me fii ɔhaw nyinaa mu no, onhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak din ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”
the Angel who has redeemed me from all evil, bless the boys. And may my name be carried on in them, and the names of my fathers Abraham and Isaac. And may they grow into a multitude upon the earth."
17 Bere a Yosef huu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti oyii nʼagya nsa nifa no fii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.
When Joseph saw that his father placed his right hand on the head of Ephraim, it displeased him, and he grasped his father's hand to move it from Ephraim's head to Manasseh's head.
18 Yosef ka kyerɛɛ nʼagya se, “Dabi, mʼagya, oyi ne mʼabakan, nti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”
And Joseph said to his father, "Not so, my father, for this one is the firstborn. Put your right hand on his head."
19 Nanso nʼagya ampene so kae se, “Me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ ɔkɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ ɔkɛse asen no, na nʼasefo bɛyɛ aman bebree.”
But his father refused, and said, "I know, my son, I know. He also will become a people, and he also will be great. However, his younger brother will be greater than he, and his descendants will become a multitude of nations."
20 Enti da no, Yakob hyiraa mmarimaa no se, “Israelfo nyinaa nam mo din so behyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka se, ‘Onyankopɔn behyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’” Saa ɔkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bedii Manase anim.
So he blessed them that day, saying, "By you Israel will pronounce blessing, saying, 'God make you as Ephraim and as Manasseh.'" Thus he put Ephraim before Manasseh.
21 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Merebewu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasan de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.
Then Israel said to Joseph, "Look, I am about to die, but God will be with you, and God will bring you back from this land to the land of your fathers.
22 Wo a mprempren woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panyin no, mede asase a menam me afoa ne mʼagyan so gye fii Amorifo nkyɛn no rema wo.”
Moreover, I give to you one portion more than your brothers, which I took out of the hand of the Amorites with my sword and with my bow."

< 1 Mose 48 >