< 1 Mose 44 >

1 Afei, Yosef hyɛɛ ne somfo panyin no se, “Fa aduan dodow biara a mmarima no betumi asoa no hyɛ wɔn nkotoku no amaama, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotoku mu ma no.
Then he instructed the manager of his house, saying, "Fill the men's sacks with as much food as they can carry, and put each man's silver in the mouth of his sack.
2 Na fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduan no sika ho, na fa hyɛ ne kotoku no mu.” Na ɔyɛɛ sɛnea Yosef kaa no pɛpɛɛpɛ.
Put my cup, the silver cup, in the sack's mouth of the youngest, along with the silver for his grain." So he did according to the word that Joseph had told him.
3 Ade kyee anɔpa no, ogyaa anuanom no ne wɔn mfurum no kwan.
As soon as the morning dawned, the men were sent off along with their donkeys.
4 Wɔannu akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne somfo panyin no se, “Tiw nkurɔfo no ntɛm, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na mode bɔne tua papa ka? Adɛn nti na moawia me dwetɛ kuruwa?
When they were far from the city, Joseph said to his manager, "Up, go after the men, and when you overtake them, ask them, 'Why have you repaid evil for good?
5 Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhumusɛm no ni? Eyi yɛ bɔne kɛse a moayɛ.’”
Why have you stolen my silver cup? Isn't it from this that my lord drinks and by which he indeed uses for divination? You have done evil in doing this.'"
6 Ɔkɔtoo wɔn no, otii saa asɛm koro yi ara mu kyerɛɛ wɔn.
And he caught up with them and spoke these words to them.
7 Nanso anuanom no buaa no se, “Adɛn nti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ ade a ɛte saa!
But they said to him, "Why does my lord speak such words as these? Far be it from your servants that they should do such a thing.
8 Sika a yehuu wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛansan amfa amfi Kanaan ammrɛ mo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ fi wo wura fi?
Look, the money that we found in the mouths of our sacks we brought back to you from the land of Canaan. How then could we steal silver or gold from your lord's house?
9 Sɛ wuhu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wukum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa.”
With whomever of your servants it is found, he must die, and we also will be my lord's slaves."
10 Ɔsomfo no buae se, “Eye, na nea owiae no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa; na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.”
And he said, "Very well, then, it will be as you say. The one with whom it is found will be my slave, but you will be blameless."
11 Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no fii mfurum no so guu fam, sansan wɔn nkotoku no ano.
Then they hurried, and each man lowered his sack to the ground, and each man opened his sack.
12 Na ɔsomfo no fii ase, hwehwɛɛ wɔn nkotoku no mu fi ɔpanyin no so kosii akumaa no so. Wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku no mu.
And he searched, beginning with the oldest, and ending at the youngest. And the cup was found in Benjamin's sack.
13 Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuan wɔn ntade mu. Afei, wɔn nyinaa san hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfurum no so, san kɔɔ kurow no mu.
Then they tore their clothes, and each man loaded his donkey and returned to the city.
14 Bere a Yuda ne ne nuanom no koduu kurow no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fi hɔ. Enti wɔn nyinaa totow wɔn ho guu fam wɔ nʼanim.
So Judah and his brothers came to Joseph's house, and he was still there, and they fell to the ground before him.
15 Yosef bisaa wɔn se, “Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhumusɛm so betumi ahu biribiara mu ana?”
And Joseph said to them, "What is this deed that you have done? Didn't you know that a man like me can indeed practice divination?"
16 Yuda buae se, “Anoyi bɛn na yebetumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahu sɛ yenni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfo afɔdi yi adi. Yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa.”
Then Judah said, "What can we say to my lord? What can we speak? And how can we clear ourselves? God has uncovered the guilt of your servants. Look, we are my lord's slaves, both we, and the one in whose possession the cup was found."
17 Nanso Yosef kae se, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Onipa a wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no de, monsan nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoe mu.”
But he said, "Far be it from me that I should do so. The man in whose possession the cup was found, he will be my slave. But as for you, go up to your father in peace."
18 Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no se, “Ma me a meyɛ wʼakoa no kwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwɔ mu sɛ wo ne Farao yɛ pɛ de, nanso mesrɛ wo, nya ntoboase ma wʼakoa.
Then Judah approached him, and said, "My lord, please allow your servant to speak a word in the ears of my lord, and do not become angry with your servant, for you are like Pharaoh himself.
19 Me wura bisaa nʼasomfo no se, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’
My lord asked his servants, saying, 'Do you have a father or a brother?'
20 Na yebuae se, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akwakoraa ne yɛn kaakyiri a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne na ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yiye.’
And we said to my lord, 'We have a father, an old man, and a child born when he was old, a little one, and his brother is dead, and he is his mother's only child, and his father loves him.'
21 “Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfo se, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’
Then you said to your servants, 'Bring him down to me, so that I can see him myself.'
22 Yɛka kyerɛɛ me wura se, ‘Abarimaa no rentumi ntew ne ho mfi nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔtew ne ho fi nʼagya ho a, nʼagya no bewu.’
And we said to my lord, 'The boy can't leave his father: for if he should leave his father, his father would die.'
23 Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfo se. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim bio.’
But you said to your servants, 'Unless your youngest brother comes down with you, you will not see my face again.'
24 Yɛsan kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.
And it happened when we came up to your servant my father, we told him the words of my lord.
25 “Na yɛn agya kae se, ‘Monsan nkɔ bio nkɔtɔ aduan kakra mmra.’
But our father said, 'Go again, buy us a little food.'
26 Nanso yɛka kyerɛɛ yɛn agya se, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’
We said, 'We can't go down. If our youngest brother is with us, then we will go down, for we cannot see the man's face unless our youngest brother is with us.'
27 “Wʼakoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Munim sɛ me ne me yere woo mmabarima baanu.
Then your servant my father said to us, 'You know that my wife bore me two sons.
28 Wɔn mu baako fii me nkyɛn kɔe a manhu no bio ma mekae se, “Aboa bi atetew no pasaa.” Efi saa bere no, minhuu no bio.
And the one disappeared from me, and I said, "Surely he is torn in pieces." And I haven't seen him since.
29 Sɛ mofa oyi fi me nkyɛn, na asiane bi kosiane no wɔ kwan so a, me nso, mede awerɛhow bewu bi.’ (Sheol h7585)
If you take this one also from me, and harm happens to him, you will bring down my gray hairs with sorrow to Sheol. (Sheol h7585)
30 “Enti saa bere yi, sɛ yekopue fi wʼakoa, yɛn agya, anim na abofra yi nka yɛn ho, ne sɛnea ne koma da abofra no so fa no,
So now, when I come to your servant my father and the boy is not with us, since his life is bound up in the boy's life,
31 sɛ ohu sɛ abofra no nka yɛn ho a, obewu. Wo nkoa bɛma wɔn agya de ne ti so dwen akɔ asaman awerɛhow mu. (Sheol h7585)
it will happen, when he sees that the boy is not with us, that he will die. Your servants will bring down the gray hairs of your servant our father with sorrow to Sheol. (Sheol h7585)
32 Wʼakoa a ɔde ne ho dii abofra no akagyinamu sɛ ɔde no bɛba no kae se, ‘Sɛ mamfa no ansan ammrɛ wo a, ɛho asodi no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’
For your servant became collateral for the boy to my father, saying, 'If I do not bring him to you, then I will bear the blame to my father forever.'
33 “Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abofra no anan mu wɔ ha, na ma abofra no ne ne nuabarimanom no nsan nkɔ.
So now, please let your servant remain instead of the boy, a slave to my lord, and let the boy go up with his brothers.
34 Na sɛ abofra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn na makopue wɔ mʼagya anim? Dabi! Merentumi nnyina ahohia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”
For how will I go up to my father if the boy isn't with me? I could not bear to see the misery that would come on my father."

< 1 Mose 44 >