< 1 Mose 43 >

1 Saa bere no mu no, na ɔkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa.
Now the famine was severe in the land.
2 Enti bere a aduan a wɔkɔtɔ fii Misraim bae no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔtɔ aduan kakra mmra bio.”
So it came about when they had eaten up the grain which they had brought out of Egypt, that their father said to them, "Go again, buy us a little more food."
3 Nanso Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob se, “Owura no sua kyerɛɛ yɛn denneennen se, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim ha bio.’
But Judah spoke to him, saying, "The man strictly warned us, saying, 'You may not see my face unless your brother is with you.'
4 Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ de a, ɛno de, yɛbɛsan akɔ akɔtɔ aduan no bi abrɛ wo.
If you'll send our brother with us, we'll go down and buy you food,
5 Nanso sɛ woamma yɛamfa no ankɔ de a, yɛrenkɔ, efisɛ owura no suaa denneennen se, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, munnsi mʼanim bio.’”
but if you will not send him, we will not go down, for the man said to us, 'You may not see my face unless your brother is with you.'"
6 Israel bisaa ne mma no se, “Adɛn nti na moka kyerɛɛ owura no se mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?”
Then Israel said, "Why did you bring this trouble on me by telling the man that you had another brother?"
7 Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho?’ Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’”
They said, "The man kept asking about ourselves, and concerning our relatives, saying, 'Is your father still alive? Do you have another brother?' So we just answered his questions. How were we to know that he would say, 'Bring your brother down?'"
8 Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel se, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yensi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduan no bi mmra, na ɔkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.
Then Judah said to his father Israel, "Send the boy with me and we'll get up and go, so that we may live and not die, both we and you, and also our little ones.
9 Mʼankasa mɛhwɛ abofra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammegyina wʼanim ha, amma woanhu sɛ wo ba no ni a, saa asodi no nna me so me nkwanna nyinaa.
I will be collateral for him. You can hold me responsible for him. If I fail to bring him to you and set him before you, then let me bear the blame forever,
10 Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa bere yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”
for if we hadn't delayed, surely we would have returned a second time by now."
11 Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yiye de a, ɛno de, momfa asase yi so nnepa a bi ne akyenkyennuru kakra, ɛwo kakra, aduhuam, kurobow, nkate ne ɔsonkoran aba nhyɛ mo nkotoku mu, nkɔyɛ owura no ayɛ.
Then their father Israel said to them, "If it must be so, then do this: Take some of the best fruits of the land in your bags and bring a gift for the man, a little balm, a little honey, spices and myrrh, pistachio nuts and almonds.
12 Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho efisɛ ɛsɛ sɛ mosan de sika a kan no mode kɔe na ɔsan de hyɛɛ mo nnesoa mu bae no kɔma no. Ebia na ɛyɛɛ no anipaso.
Take twice as much silver in your hand, and take back the silver that was returned in the mouth of your sacks. Perhaps it was an oversight.
13 Momfa mo nua no nso nka mo ho, na munsi mu ntɛmntɛm nkɔ.
Take your brother also, and get up, go back to the man.
14 Otumfo Nyankopɔn nnyina mo akyi, na owura no nhu mo mmɔbɔ, na onyaa mo nua panyin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsan mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ midi wɔn wu ho awerɛhow nso a, minni asɛm biara ka.”
And may El Shaddai grant you mercy before the man, that he may release to you your other brother and Benjamin. If I am deprived of my children, then I am deprived."
15 Enti Israelmma no faa akyɛde ahorow a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho abien, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, sii mu kɔe. Woduu Misraim no, wokoyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef.
The men took this gift, and they took twice as much silver with them, and Benjamin. Then they got up and went down to Egypt, and presented themselves before Joseph.
16 Bere a Yosef huu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fi somfo panyin no se, “Fa nkurɔfo no kɔ me fi, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduan, na awia me ne wɔn bedidi.”
When Joseph saw Benjamin with them, he said to the servant of his house, "Bring the men into the house, and slaughter an animal and prepare it; for the men will eat with me at noon."
17 Ɔsomfo panyin no yɛɛ sɛnea Yosef kae no ma ɔde nkurɔfo no kɔɔ Yosef fi.
The man did as Joseph had said, and the man brought the men to Joseph's house.
18 Ɔde wɔn duu Yosef fi no, wosuroe. Wɔkae se, “Gyama esiane dwetɛ a yɛbɛtɔɔ aduan a edi kan no wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu no nti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔn to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsan fa yɛn mfurum no nyinaa.”
But the men were afraid because they were brought to Joseph's house, and they said, "It is because of the silver that was returned in our sacks the first time that we are brought here; so that he may capture us, and make us slaves, and take our donkeys."
19 Woduu Yosef fi kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef somfo panyin no nkyɛn.
So they came near to the man of Joseph's house and they spoke to him at the entrance of the house,
20 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha bere bi a atwa mu bɛtɔɔ aduan.
and said, "My lord, we indeed came down the first time to buy food.
21 Bere a yɛresan akɔ yɛn kurom a ade sae, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoɛe hɔ na yebuebuee yɛn nkotoku ano, na yehuu sɛ obiara sika a okurae a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ ne kotoku no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti, yɛasan de aba.
But when we came to the lodging place, we opened our sacks, and look, every man's silver was in the mouth of his sack, our silver in full weight. So we have brought it back in our hand.
22 Yɛasan de sika foforo aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduan. Yennim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotoku no mu.”
We have brought down additional silver with us to buy food. We do not know who put our silver in our sacks."
23 Ɔsomfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ asɛm biara. Munnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Nyame a ɔsom no no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotoku no mu maa mo. Na mo sika no de, yegyei.” Afei, oyii Simeon fii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.
He said, "Peace to you. Do not be afraid. Your God and the God of your father has given you treasure in your sacks. I received your silver." Then he brought Simeon out to them.
24 Ɔsomfo panyin no de wɔn kɔɔ Yosef fi, maa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ase, na ɔmaa wɔn mfurum no nso aduan dii.
The man brought the men into Joseph's house and gave them water, and they washed their feet. Then he gave their donkeys food.
25 Wɔboaboaa akyɛde a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, efisɛ na wɔate sɛ wobedidi wɔ fie hɔ awia no.
They prepared the gift for Joseph's arrival at noon, for they heard that they would eat a meal there.
26 Bere a Yosef bae no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛde no maa no.
When Joseph came home, they prepared the gift they had brought with them into the house, and bowed themselves down to him with their face to the ground.
27 Yosef bisaa wɔn sɛnea wɔn ho te. Ɔtoaa so se, “Mo agya akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te dɛn? Ɔda so te ase ana?”
Then he asked them of their welfare, and said, "Is your father well, the old man of whom you spoke? Is he still alive?"
28 Wobuaa no se, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho ye. Ɔda so te ase.” Wɔde obu ne nidi bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim.
And they answered, "Your servant, our father, is well. He is still alive." Then he said, "Blessed be that man by God." And they bowed and prostrated themselves.
29 Bere a nʼani tɔɔ ne na ba Benyamin anim no, obisae se, “Oyi ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no ana?” Ɔtoaa so se, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!”
And he looked up and saw his brother Benjamin, his mother's son, and said, "Is this your youngest brother, of whom you told me about?" Then he said, "God be gracious to you, my son."
30 Yosef huu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ howee, enti ɔyɛɛ ntɛm fii adi kɔhyɛɛ ne pia mu kosui.
Then Joseph hurried out, for he was overcome with emotion because of his brother, and he was at the point of tears. So he entered into his chamber and wept there.
31 Osu wiee no, ɔhohoroo nʼanim, san bae de animia kae se, “Momma yennidi!”
Then he washed his face and came out. And he controlled himself and said, "Serve the food."
32 Wɔtoo Yosef pon wɔ baabi, na wɔtoo anuanom no nso pon wɔ baabi wɔ ɔdan koro no ara mu. Misraimfo a wɔyɛ Yosef asomfo no nso didii wɔ baabi foforo, efisɛ Misraimfo no mmu Hebrifo, na wɔne wɔn ato nsa adidi.
They served him by himself, and them by themselves, and the Egyptians who ate with him by themselves, because the Egyptians could not eat food with the Hebrews, for that is disgraceful to the Egyptians.
33 Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanyin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim.
And they sat before him, the firstborn according to his birthright, and the youngest according to his youth, and the men looked at each other with amazement.
34 Wotitii nnuan no fi Yosef pon so kɔmaa wɔn no, na Benyamin de no dɔɔso sen ne nua biara de mpɛn anum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigye ne ahosɛpɛw didi nomee.
Then he gave portions to them in front of him, but Benjamin's portion was five times as much as any of theirs. So they drank until they all became drunk.

< 1 Mose 43 >