< 1 Mose 42 >

1 Bere a Yakob tee sɛ aburow wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Adɛn nti na morehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim kɛkɛ yi?”
Now Jacob became aware that there was grain in Egypt. He said to his sons, “Why do you look at one another?”
2 Yakob toaa so se, “Mate sɛ aburow wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɔkɔm ankunkum yɛn.”
He said, “See here, I have heard that there is grain in Egypt. Go down there and buy for us from there so we may live and not die.”
3 Enti Yosef nuabarimanom mpanyimfo du no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburow no bi.
Joseph's ten brothers went down to buy grain from Egypt.
4 Nanso Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, efisɛ na osuro sɛ biribi bɛyɛ no.
But Benjamin, Joseph's brother, Jacob did not send with his brothers, for he feared that harm might come to him.
5 Enti Israel mmabarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfo a wofifi aman ahorow so kɔtɔ aburow wɔ Misraim no ho, efisɛ na ɔkɔm no atrɛw akodu Kanaan asase so mmaa nyinaa.
The sons of Israel came to buy among those who came, for the famine was in the land of Canaan.
6 Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburow ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuabarimanom no koduu nʼanim no, wobuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuw fam.
Now Joseph was the governor over the land. He was the one who sold to all the people of the land. Joseph's brothers came and bowed down to him with their faces to the ground.
7 Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?” Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.”
Joseph saw his brothers and recognized them, but he disguised himself to them and spoke harshly with them. He said to them, “Where have you come from?” They said, “From the land of Canaan to buy food.”
8 Na Yosef ahu ne nuanom no de, nanso wɔn de, na wonhuu no ɛ.
Joseph recognized his brothers, but they did not recognize him.
9 Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”
Then Joseph remembered the dreams he had dreamed about them, and he said to them, “You are spies! You have come to see the undefended parts of the land.”
10 Anuanom no buae se, “Dabi da yɛn wura, wo nkoa bae sɛ yɛrebɛtɔ aduan.
They said to him, “No, my master. Your servants have come to buy food.
11 Yɛn nyinaa fi agya baako. Wo nkoa yɛ anokwafo, na yɛnyɛ akwansrafo.”
We are all one man's sons. We are honest men. Your servants are not spies.”
12 Nanso Yosef tii mu se, “Dabi da, morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.”
He said to them, “No, you have come to see the undefended parts of the land.”
13 Anuanom no buae se, “Na wo nkoa yɛ anuanom dumien, ɔpanyin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn, na ɔbaako nso afi mu.”
They said, “We your servants are twelve brothers, the sons of one man in the land of Canaan. See, the youngest is this day with our father, and one brother is no longer alive.”
14 Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo!
Joseph said to them, “It is what I said to you; you are spies.
15 Ɔkwan a mɛfa so de asɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ da, kosi sɛ mode mo kaakyiri no bɛba.
By this you will be tested. By the life of Pharaoh, you will not leave here, unless your youngest brother comes here.
16 Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!”
Send one of yourselves and let him get your brother. You will remain in prison, that your words may be tested, whether there is truth in you.”
17 Na ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa.
He put them all in custody for three days.
18 Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa.
Joseph said to them on the third day, “Do this and live, for I fear God.
19 Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no.
If you are honest men, let one of your brothers be confined in this prison, but you go, carry grain for the famine of your houses.
20 Nanso nea ɛte biara no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu mo nsɛm no mu nokware na moanwuwu.” Wɔyɛɛ nea ɔkaa no.
Bring your youngest brother to me so your words will be verified and you will not die.” So they did so.
21 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nokware, yɛn nuabarima yi nti na wɔretwe yɛn aso. Yehuu sɛnea ɔpaa yɛn kyɛw sɛ yenyaa no nanso yɛantie no; ɛno nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.”
They said to one another, “We are truly guilty concerning our brother in that we saw the distress of his soul when he pleaded with us and we would not listen. Therefore this distress has come upon us.”
22 Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa”
Reuben answered them, “Did I not tell you, 'Do not sin against the boy,' but you would not listen? Now, see, his blood is required of us.”
23 Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no nti, na wonnim sɛ Yosef te wɔn kasa no.
They did not know that Joseph understood them, for there was an interpreter between them.
24 Yosef sɔre fii wɔn nkyɛn kosui. Ɔsan bae ne wɔn bɛkasae bio. Oyii Simeon fii wɔn mu, maa wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.
He turned from them and wept. He returned to them and spoke to them. He took Simeon from among them and bound him before their eyes.
25 Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotoku no aburow amaama, na wɔnsan mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburow no nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan nso nka ho. Wɔyɛɛ eyi maa wɔn.
Then Joseph commanded his servants to fill his brothers' bags with grain, and to put every man's money back into his sack, and to give them provisions for the journey. It was done for them.
26 Wɔhyehyɛɛ wɔn aburow nkotoku no wɔ wɔn mfurum no so ma wofii hɔ.
The brothers loaded their donkeys with their grain and departed from there.
27 Wɔrekɔ no ara, wogyinaa kwan so anadwo homee. Ɛhɔ na wɔn mu baako san ne kotoku sɛ ɔrema nʼafurum aduan adi. Ɔsan ne kotoku no, ohuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ kotoku no fa baabi.
As one of them opened his sack to give his donkey feed in the lodging place, he saw his money. Behold, it was in the opening of his sack.
28 Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!” Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”
He said to his brothers, “My money has been put back. Look at it; it is in my sack.” Their hearts sank and they turned trembling to one another, saying, “What is this that God has done to us?”
29 Woduu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. Wɔkae se,
They went to Jacob, their father in the land of Canaan and told him all that had happened to them. They said,
30 “Yeduu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no poopoo nʼani, kyerɛɛ yɛn sɛ yɛyɛ akwansrafo.
“The man, the lord of the land, spoke roughly with us and thought that we were spies in the land.
31 Nanso yebuaa no se, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafo.
We said to him, 'We are honest men. We are not spies.
32 Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’
We are twelve brothers, sons of our father. One is no longer alive, and the youngest is this day with our father in the land of Canaan.'
33 “Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no.
The man, the lord of the land, said to us, 'By this I will know that you are honest men. Leave one of your brothers with me, take grain for the famine in your houses, and go your way.
34 Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’”
Bring your youngest brother to me. Then I will know that you are not spies, but that you are honest men. Then I will release your brother to you, and you will trade in the land.'”
35 Bere a wɔrehwiehwie wɔn aburow no afi wɔn nkotoku no mu no, obiara huu ne sika a anka ɔde rekotua aburow no ka wɔ ne kotoku no ano. Wɔne wɔn agya huu sika no, wɔn koma tutui.
It came about as they emptied their sacks, that, behold, every man's bag of silver was in his sack. When they and their father saw their bags of silver, they were afraid.
36 Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.”
Jacob their father said to them, “You have bereaved me of my children. Joseph is no longer alive, Simeon is gone, and you will take Benjamin away. All these things are against me.”
37 Ruben ka kyerɛɛ nʼagya se, “Sɛ mamfa Benyamin ansan amma a, wowɔ ho kwan sɛ wukum me mmabarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsan de no abrɛ wo.”
Reuben spoke to his father, saying, “You may kill my two sons if I do not bring Benjamin back to you. Put him in my hands, and I will bring him to you again.”
38 Nanso Yakob buae se, “Me babarima no ne morenkɔ hɔ, efisɛ ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa kwan a morebetu yi, asiane bi kosiane no a, mewu.” (Sheol h7585)
Jacob said, “My son will not go down with you. For his brother is dead and he alone is left. If harm comes to him on the road in which you go, then you will bring down my gray hair with sorrow to Sheol.” (Sheol h7585)

< 1 Mose 42 >