< 1 Mose 38 >

1 Saa bere no mu ara na Yuda tu fii ne nuabarimanom no nkyɛn ne Adulamni barima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenae.
那時,猶大離開他弟兄下去,到一個亞杜蘭人名叫希拉的家裏去。
2 Ɛhɔ na Yuda kohyiaa Kanaanni beae bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babea. Yuda waree Sua babea no.
猶大在那裏看見一個迦南人名叫書亞的女兒,就娶她為妻,與她同房,
3 Sua babea no nyinsɛn woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Er.
她就懷孕生了兒子,猶大給他起名叫珥。
4 Sua babea no san nyinsɛn woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abofra no din Onan.
她又懷孕生了兒子,母親給他起名叫俄南。
5 Sua babea no nyinsɛn ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso wɔtoo no din Sela.
她復又生了兒子,給他起名叫示拉。她生示拉的時候,猶大正在基悉。
6 Bere a Yuda abakan Er nyin no, wɔwaree ababaa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no.
猶大為長子珥娶妻,名叫她瑪。
7 Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumɔyɛfo wɔ Awurade anim no nti, Awurade kum no.
猶大的長子珥在耶和華眼中看為惡,耶和華就叫他死了。
8 Er wu akyi no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiba Onan se, “Ɛsɛ sɛ woware okunafo Tamar, sɛnea yɛn amanne te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no diadefo.”
猶大對俄南說:「你當與你哥哥的妻子同房,向她盡你為弟的本分,為你哥哥生子立後。」
9 Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmofra no renyɛ nʼankasa mma nti, sɛ ɔne okunafo Tamar kɔda a, ɔmma ne ho nsu no ngu ɔbea no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufo no de.
俄南知道生子不歸自己,所以同房的時候便遺在地,免得給他哥哥留後。
10 Esiane sɛ nea ɔyɛe no ansɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufo no nti, okum ɔno nso.
俄南所做的在耶和華眼中看為惡,耶和華也就叫他死了。
11 Na Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafo Tamar se, “Tu na kɔtena wʼagya fi sɛ okunafo kosi sɛ me babarima Sala benyin.” Na osuro sɛ, Sela nso bewu, sɛnea ne nuanom mpanyimfo Er ne Onan wuwui no. Enti Tamar tu kɔtenaa nʼagya fi hɔ.
猶大心裏說:「恐怕示拉也死,像他兩個哥哥一樣」,就對他兒婦她瑪說:「你去,在你父親家裏守寡,等我兒子示拉長大。」她瑪就回去,住在她父親家裏。
12 Mmere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua babea no nso wui. Bere a woyii Yuda fii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nguanhotwitwafo nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔe.
過了許久,猶大的妻子書亞的女兒死了。猶大得了安慰,就和他朋友亞杜蘭人希拉上亭拿去,到他剪羊毛的人那裏。
13 Obi bɛbɔɔ Tamar amanneɛ se, “Wʼase Yuda rebɛsen akɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.”
有人告訴她瑪說:「你的公公上亭拿剪羊毛去了。」
14 Enti Tamar yii ne kuna ntade no guu hɔ. Ɔfaa nkataanim kataa nʼanim, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara nhu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so. Efisɛ ohuu sɛ Sela anyin de, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mma ɔmmɛwaree no ɛ.
她瑪見示拉已經長大,還沒有娶她為妻,就脫了她作寡婦的衣裳,用帕子蒙着臉,又遮住身體,坐在亭拿路上的伊拿印城門口。
15 Bere a Yuda huu Tamar no, na osusuw sɛ ɔyɛ ɔbea guamanfo bi, efisɛ na wakata nʼanim.
猶大看見她,以為是妓女,因為她蒙着臉。
16 Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ kwankyɛn hɔ a, na onnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ mprempren ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no se, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me dɛn?”
猶大就轉到她那裏去,說:「來吧!讓我與你同寢。」他原不知道是他的兒婦。她瑪說:「你要與我同寢,把甚麼給我呢?」
17 Yuda buae se, “Mɛma wɔde ɔpapo afi me nguankuw no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio se, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, dɛn na wode bedi wo ho akagyinamu?”
猶大說:「我從羊群裏取一隻山羊羔,打發人送來給你。」她瑪說:「在未送以先,你願意給我一個當頭嗎?」
18 Yuda nso bisaa no se, “Dɛn ade na wopɛ sɛ mede di me ho akagyinamu?” Tamar buae se, “Nea wode bedi wo ho akagyinamu ne wo nsa so kaa ne ne hama ne saa pema a wukura yi.” Enti Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔda ma onyinsɛnee.
他說:「我給你甚麼當頭呢?」她瑪說:「你的印、你的帶子,和你手裏的杖。」猶大就給了她,與她同寢,她就從猶大懷了孕。
19 Tamar fii hɔ akyi no, okoyii ne nkataanim no guu hɔ, san faa ne kunatam no furae.
她瑪起來走了,除去帕子,仍舊穿上作寡婦的衣裳。
20 Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbea no, na onnye nneɛma a ɔde dii ne ho akagyinamu no mmrɛ no, nanso wanhu no.
猶大託他朋友亞杜蘭人送一隻山羊羔去,要從那女人手裏取回當頭來,卻找不着她,
21 Obisaa kurom hɔfo no se, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbea guamanfo a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?” Wobuaa no se, “Yenni hyiadan mu ɔbea guamanfo biara wɔ ha.”
就問那地方的人說:「伊拿印路旁的妓女在哪裏?」他們說:「這裏並沒有妓女。」
22 Enti ɔsan kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no se, “Manhu no. Na kurom hɔfo nso kae se, ‘Hyiadan mu ɔbea oguamanfo biara nni ha.’”
他回去見猶大說:「我沒有找着她,並且那地方的人說:『這裏沒有妓女。』」
23 Yuda nso kae se, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛserew yɛn. Wo ara wudi ho adanse sɛ memaa wode ɔpapo no kɔe, nanso woanhu no.”
猶大說:「我把這山羊羔送去了,你竟找不着她。任憑她拿去吧,免得我們被羞辱。」
24 Ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ aguaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkae se, “Monkɔkyere no mmra, na yɛnhyew no nkum no.”
約過了三個月,有人告訴猶大說:「你的兒婦她瑪作了妓女,且因行淫有了身孕。」猶大說:「拉出她來,把她燒了!」
25 Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abekum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda se, “Onipa a ne nneɛma ni no na ɔne me nyinsɛnee. Monhwɛ sɛ mubehu onipa ko a saa nsa so kaa ne ne hama ne pema yi yɛ ne de no ana.”
她瑪被拉出來的時候便打發人去見她公公,對他說:「這些東西是誰的,我就是從誰懷的孕。請你認一認,這印和帶子並杖都是誰的?」
26 Yuda gye too mu se, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so se, “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me babarima Sela anware.” Efi saa bere no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.
猶大承認說:「她比我更有義,因為我沒有將她給我的兒子示拉。」從此猶大不再與她同寢了。
27 Tamar awo duu so no, ɔwoo nta.
她瑪將要生產,不料她腹裏是一對雙生。
28 Bere a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii kan bae. Enti ɔbea a ɔregye no awo no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abofra no bakɔn, kae se, “Oyi na wɔwoo no kan.”
到生產的時候,一個孩子伸出一隻手來;收生婆拿紅線拴在他手上,說:「這是頭生的。」
29 Saa abofra no twee ne nsa san kɔɔ mu. Ɔsan twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefo no kae se, “Abususɛm bɛn ni!” Wɔtoo no din Peres.
隨後這孩子把手收回去,他哥哥生出來了;收生婆說:「你為甚麼搶着來呢?」因此給他起名叫法勒斯。
30 Akyiri no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsakɔn no. Wɔtoo ɔno nso din Serah.
後來,他兄弟那手上有紅線的也生出來,就給他起名叫謝拉。

< 1 Mose 38 >