< 1 Mose 26 >

1 Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu.
There was a famine in the land, besides the first famine that was in the days of Abraham. Isaac went to Abimelech king of the Philistines, to Gerar.
2 Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no se, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so.
And God appeared to him, and said, "Do not go down into Egypt. Live in the land I will tell you about.
3 Tena asase yi so kakra, efisɛ mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo, na mede asi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua.
Sojourn in this land, and I will be with you, and will bless you. For to you, and to your descendants, I will give all these lands, and I will establish the oath which I swore to Abraham your father.
4 Mɛma wʼasefo adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefo so na wobehyira wiase aman ahorow nyinaa.
I will multiply your descendants as the stars of the sky, and will give to your descendants all these lands, and by your descendants will all the nations of the earth be blessed,
5 Efisɛ Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛde ne me mmara nyinaa so.”
because Abraham obeyed my voice, and kept my requirements, my commandments, my statutes, and my laws."
6 Enti Isak tenaa Gerar.
So Isaac settled in Gerar.
7 Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no.
The men of the place asked him about his wife. He said, "She is my sister," for he was afraid to say, "My wife," lest, he thought, "the men of the place might kill me for Rebekah, because she is beautiful to look at."
8 Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu sɛ Isak regoru ne yere Rebeka ho.
It happened, when he had been there a long time, that Abimelech king of the Philistines looked out at a window, and saw, and look, Isaac was caressing Rebekah, his wife.
9 Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’” Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.”
Abimelech called Isaac, and said, "Look, surely she is your wife. Why did you say, 'She is my sister?'" Isaac said to him, "Because I thought, 'Lest I die because of her.'"
10 Na ɔhene Abimelek kae se, “Dɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokware a woamma anna adi nti, anka obi betumi afa wo yere no, na wode mmusu aba yɛn so.”
Abimelech said, "What is this you have done to us? One of the people might easily have slept with your wife, and you would have brought guilt on us."
11 Ɛno nti, Abimelek bɔɔ ne manfo no kɔkɔ se, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɔkwan biara so no wobekum no.”
Abimelech commanded all the people, saying, "He who touches this man or his wife will surely be put to death."
12 Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree.
Isaac sowed in that land, and reaped in the same year one hundred times what he planted. And God blessed him.
13 Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu.
The man became wealthy, and prospered more and more until he became very wealthy.
14 Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw
He had possessions of flocks, possessions of herds, and a great household. The Philistines envied him.
15 abura ahorow a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne bere so no nyinaa ano.
Now all the wells which his father's servants had dug in the days of Abraham his father, the Philistines had stopped, and filled with earth.
16 Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.”
Abimelech said to Isaac, "Go from us, for you are much mightier than we."
17 Isak tu fii Gerar kurow no mu, kɔɔ Gerar subon mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenae.
Isaac departed from there, camped in the valley of Gerar, and lived there.
18 Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.
Isaac dug again the wells which the servants of his father Abraham had dug. For the Philistines had stopped them after the death of Abraham. And he called their names after the names by which his father had called them.
19 Isak nkoa no tuu abura foforo bi wɔ Gerar subon no mu, kɔtoo nsu a ɛyɛ kurunnyenn.
Isaac's servants dug in the valley, and found there a well of flowing water.
20 Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura.
The herdsmen of Gerar argued with Isaac's herdsmen, saying, "The water is ours." He called the name of the well Esek, because they contended with him.
21 Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi.
They dug another well, and they argued over that, also. He called its name Sitnah.
22 Isak gyaw saa abura no hɔ kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne “Afei de Awurade abɔ yɛn atenase na yebenya yɛn ho wɔ asase yi so.”
He left that place, and dug another well. They did not argue over that one. He called it Rehoboth. He said, "For now God has made room for us, and we will be fruitful in the land."
23 Isak tu fii hɔ kɔɔ Beer-Seba.
He went up from there to Beersheba.
24 Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no se, “Mene wʼagya, Abraham Nyankopɔn. Nsuro, efisɛ me ne wo na ɛwɔ hɔ. Bɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham nti, mehyira wo na mama wʼasefo adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛse.”
And God appeared to him the same night, and said, "I am the God of Abraham your father. Do not be afraid, for I am with you, and will bless you, and multiply your descendants for my servant Abraham's sake."
25 Isak sii afɔremuka, som Awurade wɔ hɔ. Osii ntamadan tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.
He built an altar there, and called on the name of YHWH, and pitched his tent there. There Isaac's servants dug a well.
26 Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak.
Then Abimelech went to him from Gerar, and Ahuzzath his friend, and Phicol the commander of his army.
27 Isak bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo a na mo ne me nka, na mopam me fii mo nkyɛn aba me ha nnɛ sɛ morebɛsra me?”
Isaac said to them, "Why have you come to me, since you hate me, and have sent me away from you?"
28 Wobuaa no se, “Yehu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa nti, yɛasi gyinae sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no
They said, "We saw plainly that God was with you. We said, 'Let there now be an oath between us, even between us and you, and let us make a covenant with you,
29 sɛ worenhaw yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛanhaw wo no. Yɛne wo tenaa yiye. Yegyaa wo kwan asomdwoe mu. Na afei, hwɛ sɛnea Awurade ahyira wo.”
that you will do us no harm, as we have not touched you, and as we have done to you nothing but good, and have sent you away in peace.' You are now the blessed of God."
30 Isak too wɔn pon, na wodidi nomee de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no.
He made them a feast, and they ate and drank.
31 Ade kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Na Isak gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ asomdwoe mu.
They rose up some time in the morning, and swore an oath to each other. Isaac sent them away, and they departed from him in peace.
32 Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se, “Yɛato nsu.”
It happened the same day, that Isaac's servants came, and told him concerning the well which they had dug, and said to him, "We have found water."
33 Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kurow a akyiri no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.
He called it Shibah. Therefore the name of the city is Beersheba to this day.
34 Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon.
When Esau was forty years old, he married Judith, the daughter of Beeri the Hethite, and Basemath, the daughter of Elon the Hethite.
35 Nanso Isak ne Rebeka bo annwo wɔ saa aware no ho.
They brought grief to Isaac and Rebekah.

< 1 Mose 26 >